Pular para o conteúdo
Publicidade

Ester 4

Mordekai Ɛster Mmoa

1 Ɛberɛ a Mordekai hunuu asɛm a asi no, ɔtetee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, de nsõ huraa ne ho, de agyaadwoɔ denden faa kuropɔn no mu. 2 Ɔgyinaa ahemfie no ɛpono akyi, ɛfiri wɔmma obi a ɔhyɛ ayitadeɛ no nkɔ mu. 3 Na ɛberɛ a ɔhene no mmara no duruu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ Yudafoɔ no mu. Wɔdii mmuada, suiɛ, twaa agyaadwoɔ a wɔn mu bebree hyehyɛ ayitadeɛ de nsõ ahura wɔn ho.

4 Ɛberɛ a ɔhemmaa Ɛster mmaawa ne nʼapiafoɔ bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaa no yie. Ɔbrɛɛ no ntadeɛ ɔmfa nsi ayitadeɛ no anan nanso, ɔpoeɛ. 5 Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene apiafoɔ no mu baako a wɔayi no ne ɔsomfoɔ. Ɔhyɛɛ no ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkɔbisa no deɛ ɛreha no, ne deɛ enti a ɔretwa agyaadwoɔ saa.

6 Enti, Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn adwaberem a ɛwɔ ahemfie no ɛpono ano. 7 Mordekai kaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ no, kaa sika a Haman ahyɛ ɔde bɛgu adehyeɛ fotoɔ no mu, nam so de atɔre Yudafoɔ no ase. 8 Mordekai de mmara no sɛso a wɔyii no Susa a ɛkyerɛ wɔnkum Yudafoɔ nyinaa no baeɛ, na ɔde maa Hatak ɔmfa nkɔma Ɛster. Ɔsane frɛɛ Hatak ɔnkyerɛ mu nkyerɛ Ɛster, na ɔnsrɛ no , ɔnkɔ ɔhene no nkyɛn nkɔsrɛ no ahummɔborɔ, na ɔnka bi mma ne nkurɔfoɔ.

9 Enti, Hatak sane kɔɔ Ɛster nkyɛn kɔkaa Mordekai nkra no. 10 Ɛster ka kyerɛɛ Hatak , ɔnsane mfa nkra nkɔma Mordekai , 11 "Ewiase nyinaa nim , obiara a wobɛkɔ ɔhene anim nʼasɛnnipiamu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wo no, owuo na wobɛwuo gye , ɔde ne sika ahempoma no kyerɛ wo so. Na ɛbɛyɛ bosome nie no, ɔhene no nsomaa wɔmmɛfrɛ me." 12 Enti, Hatak de Ɛster nkra no kɔmaa Mordekai.

13 Mordekai nso de saa mmuaeɛ yi maa Ɛster , "Ɛnsusu da biara da , wɔkunkum Yudafoɔ no nyinaa a, wobɛnya wo tiri adidi mu ahemfie . 14 Na woyɛ komm ɛberɛ a ɛte sei mu a, Yudafoɔ no gyeɛ bɛtumi afiri baabi aba, nanso wo ne wʼabusuafoɔ bɛwuwu. Deɛ ɛka ho ne , ɛsɛ wohunu , ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi enti na wɔasi wo hemaa ahemfie."

15 Na Ɛster de mmuaeɛ yi kɔmaa Mordekai , 16 "na kɔboaboa Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwom , ɛtia mmara deɛ, nanso, mɛkɔ akɔhunu ɔhene no na , ɛsɛ mɛwu koraa a, mɛwu."

17 Enti, Mordekai kɔyɛɛ sɛdeɛ Ɛster ka kyerɛɛ no no.

Veja também