Pular para o conteúdo
Publicidade

Ester 7

Wɔkum Haman

1 Enti, ɔhene no ne Haman kɔɔ Ɔhemmaa Ɛster apontoɔ no. 2 Na ɛberɛ a wɔrenonom nsã saa da no, bio, ɔhene no ka kyerɛɛ no , "Ɔhemmaa Ɛster, kyerɛ me deɛ wopɛ. Wʼabisadeɛ ne sɛn? ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!"

3 Ɔhemmaa Ɛster buaa , "Ɔhene kɛseɛ ani gye me ho, na ɔpɛ ɔyɛ mʼabisadeɛ ma me a, mʼadesrɛ ara ne , ɔbɛgyaa me nkwa ne me manfoɔ nkwa mu ama yɛn. 4 Ɛfiri , wɔatɔn me ne me manfoɔ ama nnipa a wɔbɛkunkum yɛn, atɔre yɛn ase. wɔtɔn yɛn nkoa kɛkɛ mpo a, anka mɛtena dinn, ɛfiri , ɛno deɛ, ɛyɛ asɛm kumaa bi a ɛho nhia wɔde kɔdan ɔhene."

5 Ɔhene Ahasweros bisaa , "Hwan na ɔbɛyɛ saa? Na hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka wo?"

6 Ɛster buaa , "Saa omumuyɛfoɔ ne ɔtamfoɔ yi ne animguaseni Haman."

Ehu maa Haman too hoa ɔhene ne ɔhemmaa no anim. 7 Ɔhene no de abufuo huri gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfie turo mu. Na Haman kaa , dwane toaa Ɔhemmaa Ɛster ɔnsrɛ ne nkwa mma no, ɛfiri , na ɔnim nʼawieeɛ aduru.

8 Ɔde abasamutuo bu hwee Ɔhemmaa Ɛster mpa a ɔrehome so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso firii ahemfie no turo mu baeɛ.

Ɔhene no bobɔɔ mu , "Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmaa yi ahemfie ha, mʼani so ha nso?"

Ɔhene no kasa wieeɛ ara , nʼasomfoɔ no kataa Haman anim a ɛkyerɛ , nʼawieeɛ aduru.7.8 Sɛ wɔkata obi tiri so a, na ɛkyerɛ sɛ wɔabu no kumfɔ. 9 Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no apiafoɔ no mu baako kaa , "Haman asi dua a ne ɔsorokɔ anammɔn aduɔson enum ɔno ara nʼadihɔ. Na nʼadwene ne , ɔbɛsɛn Mordekai a ɔgyee ɔhene nkwa no so."

Afei, ɔhene no kaa , "Monsɛn Haman so." 10 Enti, wɔsɛnee Haman dua no a ɔsi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoeɛ.

Veja também