13 Na biribiara a mobɛbisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Agya no animuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. 14 Biribiara a mode me din bɛbisa no, mɛyɛ ama mo."
Honhom Kronkron Ho Bɔhyɛ
15 "Sɛ modɔ me a, mobɛdi mʼahyɛdeɛ so. 16 Mɛbisa Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokorɛ nyinaa adi no na ɔne mo atena daa.