Pular para o conteúdo
Publicidade

Yohane 15

Yesu Na Ɔyɛ Nokorɛ Bobe No

1 "Mene nokorɛ bobe no, na mʼAgya ne okuafoɔ no. 2 Dua aban biara a ɛnso aba no, ɔtwa twene, na dua aban biara a ɛso no, ɔyiyi ho na aso aba bebree. 3 Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho ate dada. 4 Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua aban biara ankasa rentumi nso aba gye ɛfam ne dutan ho. Saa ara nso na morentumi nso aba gye mote me mu.

5 "Mene bobe no; na mone dua aban no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛso aba bebree; mokwati me a, morentumi nyɛ hwee. 6 Obiara a ɔntena me mu no te dua aban a wɔatwa ato atwene a ɛho nni mfasoɔ; ɛwo a, wɔboaboa ano de gu ogya mu hye. 7 mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛnneɛ biribiara a mopɛ a mobɛbisa no, wɔde bɛma mo. 8 Wɔn a wɔyɛ mʼasuafoɔ nokorɛ mu no so aba bebree de hyɛ mʼAgya animuonyam.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também