Publicidade

João 5

Obubuafoɔ Bi Ayaresa

1 Yei akyi no, Yudafoɔ afahyɛ bi enti, Yesu sane kɔɔ Yerusalem. 2 Na ɔtadeɛ bi kuro no mu a wɔfrɛ no Betesda a na ɛbɛn kuro no ano ɛpono kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Nnwan Ɛpono no. Na wɔabɔ apata ahodoɔ enum atwa ho ahyia. 3 Saa apata yi ase na na ayarefoɔ pii , anifirafoɔ, mpakye ne mmubuafoɔ retwɛn Awurade ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛba abɛhono nsuo no. 4 Deɛ ɛteɛ ne , ɔbɔfoɔ no hono nsuo no wie a, ɔyarefoɔ a ɔbɛdi ɛkan atɔ nsuo no mu no nya ayaresa. 5 Na ɔbarima bi ayare ada ɔtadeɛ no ho mfeɛ aduasa nwɔtwe. 6 Yesu hunuu wayare ada akyɛre no, ɔbisaa no , "Wopɛ wo ho wo den anaa?"

7 Ɔyarefoɔ no buaa no , "Me wura, ɔbɔfoɔ no bɛhono nsuo no a, mennya obi a ɔbɛma me so ato mu. Ɛberɛ biara a mɛbɔ me ho mmɔden merekɔ nsuo no mu no, obi di me ɛkan."

8 Yesu ka kyerɛɛ no , "Sɔre! Bobɔ wo kɛtɛ na efie." 9 Amonom ara, ɔbarima no ho yɛɛ no den; ɔbobɔɔ ne kɛtɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ.

Na saa da no homeda. 10 Yudafoɔ mpanin hunuu ɔbarima no ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuu yie. Wɔbisaa no , "Wonnim ɛnnɛ homeda na ɛtia mmara wobɛsoa wo kɛtɛ anaa?"

11 Ɔbarima yi de ahopopoɔ yii ne ho ano , "Onipa a ɔsaa me yadeɛ no na ɔka kyerɛɛ me , mensoa me kɛtɛ na menkɔ."

12 Wɔtee saa no, wɔbisaa no , "Hwan ne saa onipa yi?"

13 Nso na deɛ ne ho yɛɛ no den no nnim Yesu. Afei, nso na Yesu afiri nnipa no mu .

14 Akyire yi, Yesu hyiaa ɔbarima yi asɔredan mu tuu no fo , "Afei a wo ho ayɛ wo den yi, hwɛ yie na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsene kane yadeɛ no amma wo so." 15 Ɔbarima yi firii kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yadeɛ no.

Tumi A Ɔba No

16 Yudafoɔ mpanin yi hyɛɛ aseɛ tanee Yesu ani, ɛfiri , wabu wɔn homeda mmara no so. 17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Mʼagya adwuma ɛberɛ biara, enti ɛsɛ me nso meyɛ adwuma ɛberɛ biara." 18 Saa asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ mpanin no bo fuiɛ, na wɔyɛɛ wɔn adwene wɔbɛkum no, ɛfiri , na ɛnyɛ homeda mmara no nko na wabu so, na bio, ɔfrɛ ne ho Onyankopɔn Ba de kyerɛ , ɔne Onyankopɔn .

19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Ɔba no ntumi mfiri ne mu nyɛ biribi, na mmom, ɔyɛ deɛ ɔhunu nʼAgya no bi. 20 Ɛfiri , Agya no Ɔba no na biribiara a Agya no no, ɔma Ɔba no hunu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛseɛ a ɛsene saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiri mo. 21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ no, saa ara nso na Ɔba no nyane awufoɔ a ɔpɛ ɔnyane wɔn no. 22 Afei koraa, mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmuo tumi no ahyɛ Ɔba no nsa, 23 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛdi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.

24 "Mereka nokorɛ akyerɛ mo : Obiara a ɔtie me nsɛm na ɔgye deɛ ɔsomaa me no di no, nkwa a ɛnni awieeɛ. Wɔremmu no atɛn, ɛfiri , wafiri owuo mu aba nkwa mu. 25 Mereka nokorɛ bio , ɛberɛ bi reba, na mpo saa ɛberɛ no anya aba a awufoɔ bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no bɛnya nkwa. 26 Sɛdeɛ Agya no nkwamafoɔ no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafoɔ. 27 Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, ɛfiri , ɔno ne Onipa Ba no.

28 "Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri , ɛberɛ bi reba a awufoɔ a wɔwɔ wɔn damena mu mpo bɛte me nne, 29 na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no bɛnyane atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn . 30 Merentumi mfiri mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na megyina bu atɛn. Ɛno enti, atɛn a mebu no nokorɛ.

Yesu Ho Adansedie

31 "me ara medi me ho adanseɛ a, mʼadansedie no nni mu. 32 Na obi a ɔdi me ho adanseɛ a menim nʼadanseɛ a ɔdi fa me ho no nokorɛ.

33 "Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ. 34 Nnipa adansedie ho nhia me ansa na moahunu onipa ko a meyɛ. Na mmom, meka Yohane adanseɛ a ɔdii no kyerɛ mo deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn bɛgye mo nkwa. 35 Yohane nsɛm a ɔkaeɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyeeɛ.

36 "Me nnwuma a mʼAgya de ama me menyɛ no di me ho adanseɛ sene Yohane. 37 Ɛwom monhunuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanseɛ. 38 Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, ɛfiri , monnnye me a ɔsomaa me no nni. 39 Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri , mogye di ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ! 40 Yei nyinaa akyi no, mommpɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa!

41 "Merenhwehwɛ nnipa anim animuonyam. 42 Menim nnipa ko a moyɛ. Menim monni Onyankopɔn ho . 43 Mebaa mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso, obi ba ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ a, ɛno deɛ, mogye no. 44 Mopɛ nnipa kamfo mo mmom sene Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?

45 "Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo Agya no anim, na mmom, ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu no. 46 mogyee Mose diiɛ a, anka me nso mobɛgye me adi, ɛfiri , nsɛm a ɔtwerɛeɛ no di me ho adanseɛ. 47 Na ɛsiane moannye nsɛm a ɔtwerɛeɛ no anni no enti, ɛnyɛ nwanwa monnye me nni."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-