Pular para o conteúdo
Publicidade

João 6

Yesu Ma Nnipa Mpemnum Aduane

1 Yei akyi, Yesu twaa Galilea Po a wɔsane frɛ no Tiberia Po no. 2 Esiane nkurɔfoɔ hunuu Yesu nam anwanwakwan so asa nnipa pii yadeɛ no enti, wɔdii nʼakyi. 3 Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ bepɔ bi so kɔtenaa kakra. 4 Saa ɛberɛ no na Twam Afahyɛ no abɛn.

5 Ɛberɛ a Yesu twaa nʼani, hunuu nnipakuo no reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo , "Ɛhe na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi?" 6 Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛeɛ, ɛfiri , na ɔnim deɛ ɔbɛyɛ.

7 Filipo buaa , "Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua."

8 Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kaa , 9 "Abarimaa bi ha a ɔwɔ burodo enum ne nkyenam mmienu; na yei bɛtumi aso nnipa dodoɔ yi di?"

10 Yesu hyɛɛ nʼasuafoɔ no , "Momma obiara ntena ase." Asuafoɔ no ma wɔtenatenaa ɛserɛ no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodoɔ bɛyɛ mpemnum. 11 Yesu faa burodo no bɔɔ mpaeɛ na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa ɛkwan korɔ no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn.

12 Wɔdidi meeɛ akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn "Mommoaboa aduane a aka no ano na ebi ansɛe." 13 Wɔboaboaa aduane a ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.

14 Nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu ayɛ no, wɔkaa , "Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ a yɛrehwɛ no ɛkwan no."

Veja também