Publicidade

João 7

Yesu Ho Akyinnyegyeɛ

1 Yei akyi no, Yesu tenaa Galilea a wampɛ ɔbɛsane akɔ Yudea, ɛfiri , na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no. 2 Ɛberɛ a Yudafoɔ Asese Afahyɛ no reyɛ aduru no, 3 Yesu nuanom ka kyerɛɛ no , "Ɛsɛ wofiri ha sane Yudea sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wʼakyidifoɔ bɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛeɛ no. 4 obi ɔgye edin a, ɔmmfa ne nneyɛeɛ nsie. Ɛsɛ ɔma nnipa nyinaa hunu ne nneyɛeɛ." 5 Na ne nuanom mpo nnye no nni.

6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Me berɛ nnuruiɛ; na mo deɛ, ɛberɛ biara ma mo. 7 Mo deɛ nnipa tan mo a ɛnyɛ yie, nanso me deɛ wɔtan me a ɛyɛ yie, ɛfiri , daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn. 8 Mo deɛ, monni ɛkan nkɔ afahyɛ no, na me deɛ, mennya nkɔeɛ, ɛfiri , me berɛ nnuruiɛ." 9 Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no, ɔtenaa Galilea.

10 Yesu nuanom, kɔeɛ akyi no, ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wamma obiara anhunu no. 11 Yudafoɔ mpanin no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase na wɔanhunu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Onipa a yɛrehwehwɛ no no he?"

12 Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu ɛfiri , na wɔsuro Yudafoɔ mpanin no. Ebinom se, "Ɔyɛ onipa pa."

Na afoforɔ nso se, "Ɔyɛ ɔdaadaafoɔ." 13 Yudafoɔ mpanin no ho hu enti, obiara antumi annyi nʼanim anka ne ho asɛm badwa mu.

Yesu Kyerɛ Ne Tumi

14 Afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ. 15 Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔbisaa , "Onipa yi nsuaa nwoma da, na ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?"

16 Yesu buaa wɔn , "Deɛ merekyerɛ no mfiri mʼankasa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 17 obi ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, ɔbɛhunu me nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn nkyɛn anaa ɛfiri mʼankasa. 18 Obiara a ɔde nʼadwene kasa no animuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ animuonyam ma deɛ ɔsomaa no no ɔnokwafoɔ a nnaadaa biara nni ne mu. 19 Mose amma mo mmara anaa? Nanso, mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn enti na mopɛ mokum me?"

20 Nnipa no ka kyerɛɛ no , "Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hwan na ɔrehwehwɛ wo akum wo?"

21 Yesu buaa wɔn , "Anwanwadeɛ baako a mayɛ enti na mo ho adwiri mo sɛɛ yi. 22 Mose maa mo twetiatwa (mpo ɛnyɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara na ɛyɛ mo nananom) nanso, motwa twetia homeda. 23 motwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn enti na masa obi yadeɛ homeda a, mo bo fu me? 24 Mommmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a mohunu no yie ansa na moabu ho atɛn."

Yesu Ne Agyenkwa No Anaa?

25 Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisaa , "Ɛnyɛ saa onipa yi ne deɛ wɔpɛ wɔkum no no anaa? 26 Ɔno na ɔrekasa badwa mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei deɛ mpanimfoɔ no agye no ato mu ɔne Agyenkwa no. 27 Yɛnim Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ɔfiri baeɛ, nanso saa onipa yi deɛ, yɛnim faako a ɔfiri."

28 Yesu gu so rekyerɛkyerɛ asɔredan mu no, ɔteaa mu kaa , "Ɛwom monim me na monim faako nso a mefiri baeɛ, nanso, ɛnyɛ me ara me na mede baeɛ, na deɛ ɔsomaa me no ɔnokwafoɔ, nanso monnim no; 29 na me deɛ, menim no ɛfiri , mefiri ne nkyɛn na mebaeɛ na ɔno na ɔsomaa me."

30 Nʼano siiɛ no, wɔpɛɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri , na ne berɛ a ɛsɛ wɔkyere no no nnuruiɛ. 31 Nnipa no mu fa kɛseɛ no ara gyee no dii, na wɔbisaa , "Agyenkwa no ba a, ɔbɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree sene deɛ ɔbarima yi ayɛ no anaa?"

32 Farisifoɔ no tee huhuhuhu no a nnipa no faa Yesu ho no, wɔne asɔfoɔ mpanin no somaa asɔrefie awɛmfoɔ bi wɔnkɔkyere Yesu mmra.

33 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no , "Nna kakra bi na aka me a me ne mo bɛtena na masane akɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. 34 Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me, ɛfiri , faako a merekɔ no morentumi nkɔ ."

35 Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Ɛhefa na ɔse ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhunu no yi? Anaasɛ ɔpɛ ɔkɔ Helafoɔ nkuro a Yudafoɔ tete mu no mu kɔkyerɛkyerɛ wɔn? 36 ɔka , Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me, ɛfiri , faako a merekɔ no morentumi nkɔ a, na ɔkyerɛ sɛn?"

Nsuo A Ɛma Nkwa

37 Afahyɛ no da a ɛdi akyire a ɛyɛ da titire no, Yesu sɔre gyinaa kasaa denden , "Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsuo. 38 Na Atwerɛsɛm no ka , Obiara a ɔgye me di no, nsuo a ɛma nkwa bɛtene afiri ne mu.’ " 39 Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wɔgyee no diiɛ no nsa bɛka no ho. Saa ɛberɛ no, na ɔnnya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn, ɛfiri , na wɔnnya mmaa ne so nkɔɔ ɔsoro, nhyɛɛ no animuonyam.

40 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kaa , "Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ no!"

41 Afoforɔ nso kaa , "Ɔno ne Kristo no!"

Ebinom nso bisaa , "Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no bɛfiri Galilea? 42 Atwerɛsɛm no anka , saa Kristo no bɛfiri Dawid abusua mu, na wɔbɛwo no Betlehem kuro a Dawid tenaa mu no mu anaa?" 43 Yesu enti, nnipa no mu kyekyɛeɛ. 44 Ebinom pɛɛ wɔkyere no, nanso obiara amfa ne nsa anka no.

Yudafoɔ Mpanin Akyinnyegyeɛ

45 Asomfoɔ no sane kɔeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no bisaa wɔn , "Adɛn enti na moamfa no amma?"

46 Asomfoɔ no buaa , "Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwanwa na yɛntee bi da."

47 Farisifoɔ no sane bisaa asomfoɔ no , "Mo nso wadaadaa mo anaa? 48 Moahunu mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no bi agye no adi anaa? 49 Dabi, ɛremma saa, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔnnim mmara no na wɔadome wɔn no na wɔbɛgye no adi."

50 Saa ɛberɛ no, na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi ɔwiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso bi. 51 Ɔno na ɔbisaa , "Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yɛbu obi ɛberɛ a yɛntee nʼanom asɛm, nhunuu deɛ wayɛ anaa?"

52 Wɔbuaa no , "Wo nso wofiri Galilea anaa? Hwehwɛ Atwerɛsɛm no mu yie na wobɛhunu odiyifoɔ biara rentumi mfiri Galilea da."

53 Afei, obiara firii kɔeɛ a wɔantumi ansi gyinaeɛ biara.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-