Publicidade

Isaías 58

Nokorɛ Mmuadadie

1 "Monteam denden, monnnyae.

Momma mo nne so totorobɛnto.

Mompae mu nka me nkurɔfoɔ atuateɛ nkyerɛ wɔn

na monka Yakob efie nso nnebɔne nkyerɛ no.

2 Ɛda biara da wɔhwehwɛ me;

ayɛ wɔpere wɔbɛhunu mʼakwan,

te wɔyɛ ɔman a wɔyɛ deɛ ɛtene

na wɔmpoo wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ.

Wɔbisa me asɛntenenee

na ayɛ wɔpɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.

3 Wɔka , Adɛn enti na yɛadi mmuada

na woanhunu yi?

Adɛn enti na yɛabrɛ yɛn ho ase,

na woanhwɛ yi?

"Nanso mo abuada da no, moyɛ deɛ mopɛ

na mosisi mo adwumayɛfoɔ nyinaa.

4 Ntɔkwa ne akasakasa na mode wie mo abuadadie,

ne akuturuku a mode bobɔ mo ho.

Morentumi nni mmuada sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yi

na moahwɛ anim wɔbɛte mo nne soro.

5 Yei ne mmuadadie a mepɛ anaa?

Ɛda koro a onipa de brɛ ne ho ase no anaa?

Ɛne obi si ne tiri ase te demmire

na ɔtena ayitoma so ne nsõ mu nko ara anaa?

Yei na mofrɛ no abuadadie yi,

ɛda a ɛsɔ Awurade ani yi ni anaa?

6 "Saa mmuadadie yi na mepɛ:

mobɛyiyi ntɛnkyea nkɔnsɔnkɔnsɔn

na moasane kɔnnua nhoma,

mobɛgyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so

na moabubu kɔnnua biara.

7 Ɛsɛ mo ne wɔn a ɛkɔm de wɔn kyɛ mo aduane

na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena.

mohunu deɛ ɔda adagya a, momfira no ntoma

na monnyi mo ani mfiri mo yɔnko onipa so.

8 Ɛno na mo hann bɛpue te ahemadakye,

na mo ayaresa aba ntɛm so;

afei mo tenenee bɛdi mo anim,

na Awurade animuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.

9 Afei mobɛfrɛ, na Awurade bɛgye mo so;

mobɛteam apɛ mmoa, na ɔbɛka : Me nie.

"moyi nhyɛsoɔ kɔnnua,

nsa a motene onipa so ne ntwatoso firi ,

10 na moha mo ho ma wɔn a ɛkɔm de wɔn

na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no deɛ ɛhia wɔn a,

ɛnneɛ mo nkanea bɛhyerɛn esum mu,

na mo anadwo bɛyɛ owigyinaeɛ.

11 Awurade bɛkyerɛ mo ɛkwan ɛberɛ biara;

ɔbɛma mo deɛ ɛhia mo asase wesee so

na ɔbɛhyɛ mo onipadua den.

Mobɛyɛ turo a wɔgugu so nsuo yie,

asuwa a emu nsuo nwe da.

12 Mo nkurɔfoɔ bɛsane asi teteete mmubuiɛ no,

na wɔato fapem a akyɛre no;

wɔbɛfrɛ mo Deɛ Ɔsiesie Afasuo a Abubu no,

Deɛ Ɔsiesie Adan a Abubu.

13 "mohwɛ mo anammɔntuo so yie Homeda

na moannyɛ deɛ mopɛ me da kronkron no,

mofrɛ Homeda no anigyeɛ da

na modi Awurade da kronkron no ni

na moamfa mo ara mo akwan so

na moanyɛ deɛ mopɛ anaa moanka nsɛmhunu a,

14 ɛnneɛ mobɛnya anigyeɛ Awurade mu

na mɛma mo anante asase no sorɔnsorɔmmea so

na moato pon mo agya Yakob agyapadeɛ so."

Awurade na aka.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-