Publicidade

João 8

1 Yesu sane kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

Ɔbaa Dwamanfoɔ No

2 Adeɛ kyee anɔpa no, ɔsane baa asɔrefie. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn. 3 Ɔgu so rekasa no, Yudafoɔ mpanin ne Farisifoɔ de ɔbaa bi a wɔkyeree no ɔrebɔ adwaman baa nʼanim. 4 Wɔka kyerɛɛ Yesu , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛkyeree ɔbaa yi ɔrebɔ adwaman, 5 nanso Mose mmara hyɛ yɛn , ɔbaa biara a wɔbɛkyere no saa ɛkwan no so no, ɛsɛ wɔsi no aboɔ. Ɛdeɛn na woka ho?" 6 Wɔbisaa no yei de sum no afidie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya asɛm bi agyina so atoto nʼano.

Nanso, Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam. 7 Wɔgu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn , "Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no, nni ɛkan nto boɔ mmɔ no." 8 Ɔsane bɔɔ ne mu ase twerɛtwerɛɛ fam.

9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ firii mmaako mmaako firi mpanin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbaa no nko ara. 10 Yesu maa ne mu so no, ɔbisaa ɔbaa no , "Nnipa a wɔde wo baeɛ no he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?"

11 Ɔbaa no buaa Yesu , "Dabi, Owura."

Yesu ka kyerɛɛ no , "saa na ɛte deɛ a, ɛnneɛ me nso menni asɛm biara a mɛka de atia wo. , na nkɔyɛ bɔne bio."

Yesu, Ewiase Hann

12 Yesu sane toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no , "Mene ewiase hann no. Obiara a ɔdi mʼakyi no rennante sum mu da, na ɔbɛnya hann a ɛkyerɛ nnipa ɛkwan ma wɔkɔ nkwa mu."

13 Farisifoɔ no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔka kyerɛɛ no , "Asɛm a woreka yi, yɛrennye nto mu, ɛfiri , wo ara na woredi wo ho adanseɛ."

14 Yesu nso buaa wɔn , "me ara meredi me ho adanseɛ mpo a, asɛm a meka no nokorɛ, ɛfiri , menim faako a mefiri baeɛ ne faako a merekɔ. Na mo deɛ, monnim faako a mefiri baeɛ ne faako nso a merekɔ. 15 Mo ankasa mode mo adwene na ɛbu atɛn na me deɛ, memmu obiara atɛn. 16 Nanso, ɛba ɛsɛ mebu atɛn a, mʼatemmuo bɛyɛ atɛntenenee, ɛfiri , ɛnyɛ me nko na mɛbu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho. 17 Wɔatwerɛ mo mmara mu , adansefoɔ baanu adanseɛ hyia a, na ɛkyerɛ wɔn adanseɛ no nokorɛ. 18 Medi me ho adanseɛ na mʼAgya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ."

19 Nnipa no bisaa no , "Ɛhe na wʼAgya no ?"

Yesu buaa wɔn , "Monnim me, na monnim mʼAgya no nso. monim me a, anka mobɛhunu mʼAgya no nso." 20 Yesu kaa yeinom nyinaa ɛberɛ a na ɔrekyerɛkyerɛ asɔredan no mu sikakorabea no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri , na ne berɛ a ɛsɛ wɔkyere no no nnuruiɛ.

21 Yesu sane ka kyerɛɛ wɔn , "Mɛfiri mo nkyɛn makɔ; mobɛhwehwɛ me, na morenhunu me. Na mo deɛ, mobɛwu mo mu. Faako a merekɔ no morentumi mma bi."

22 Yudafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Ɛhe na ɔrekɔ a ɔse obi rentumi nkɔ bi no? Gyama ɔrekɔkum ne ho?"

23 Yesu buaa wɔn , "Mo deɛ, mofiri asase so ha, nanso me deɛ, mefiri ɔsoro na mebaeɛ. Mo deɛ, mofiri ewiase, nanso me deɛ, memfiri ewiase, 24 Ɛno enti na meka kyerɛ mo mobɛwu mo bɔne mu no. Na moannye anni , mene deɛ mene a, mobɛwu mo bɔne mu."

25 Wɔbisaa no , "Wo koraa, wone hwan?"

Yesu buaa wɔn , "Mene deɛ daa meka kyerɛ mo meyɛ. 26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso, deɛ ɔsomaa me no ɔnokwafoɔ na asɛm a meka no deɛ mate afiri ne nkyɛn."

27 Nnipa no ante no aseɛ nʼagya ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no. 28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "monya ma Onipa Ba no so asɛnnua no so a, na mobɛhunu , mene deɛ mene no, na afei mobɛhunu bio memfiri me ara me mu nyɛ biribiara, na mmom, deɛ Agya no somaa me menka no nko ara na meka. 29 Deɛ ɔsomaa me no ka me ho daa. Ɔnnyaa me da, ɛfiri , meyɛ deɛ ɛsɔ nʼani." 30 Nnipa a wɔtee deɛ Yesu kaeɛ no mu dodoɔ no ara gyee no diiɛ.

Yudafoɔ Ahohoahoa

31 Yesu ka kyerɛɛ Yudafoɔ a wɔgyee no diiɛ no , "modi me nsɛm so a, moyɛ mʼasuafoɔ. 32 Ɛno ansa na mobɛhunu nokorɛ no na nokorɛ no bɛma mo ade mo ho."

33 Nnipa no buaa no , "Yɛn deɛ yɛyɛ Abraham asefoɔ. Yɛnkɔɔ nkoasom mu da, na ɛyɛ dɛn na woka wobɛma yɛade yɛn ho?"

34 Yesu buaa wɔn , "Mereka nokorɛ akyerɛ mo obiara a ɔyɛ bɔne no bɔne akoa. 35 Akoa biara nni kyɛfa abusua mu nanso ɔba deɛ, daa ɔwɔ kyɛfa abusua mu. 36 Ɛno enti, ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa. 37 Megye tom moyɛ Abraham asefoɔ nanso morehwehwɛ me akum me, ɛfiri , monni ne nkyerɛkyerɛ so. 38 Deɛ mʼAgya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm, na mo deɛ, deɛ mo agya aka akyerɛ mo no na modi so."

39 Nnipa no kaa , "Yɛn agya ne Abraham."

Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn , "Moyɛ Abraham asefoɔ ampa a, anka ne nnwuma a ɔyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ. 40 Deɛ mayɛ ne maka nokorɛ a mote firii Agya no nkyɛn akyerɛ mo, nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte yei. 41 Moreyɛ deɛ mo agya yɛeɛ."

Nnipa no sane kaa , "Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa."

42 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Onyankopɔn mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, ɛfiri , ne nkyɛn na mefiri baeɛ na mewɔ ha. Mamfiri me mu na mebaeɛ; ɔno na ɔsomaa me. 43 Adɛn enti na monte nsɛm a mereka yi ase? Ɛfiri , mompɛ mote aseɛ. 44 Mo deɛ, ɔbonsam ne mo agya, na mopɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifoɔ firi ahyɛaseɛ. Ɔnni nokorɛ da, ɛfiri , ɔnyɛ ɔnokwafoɔ. ɔdi atorɔ a, ɛnyɛ nwanwa ɛfiri , ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya. 45 Nanso me deɛ, ɛsiane meka nokorɛ enti na monnye me nni no. 46 Mo mu hwan na ɔbɛtumi aka medi bɔne bi ho ? meka nokorɛ a, adɛn enti na monnye me nni? 47 Obiara a ɔfiri Onyankopɔn mu no tie Onyankopɔn asɛm. Na mo deɛ, ɛsiane momfiri Onyankopɔn mu no enti na montie nʼasɛm no."

Yesu Ne Abraham

48 Yudafoɔ no bisaa Yesu , "yɛka woyɛ Samariani a honhommɔne ahyɛ wo ma a, na yɛboa anaa?"

49 Yesu buaa , "Menni honhommɔne. Medi mʼAgya ni na mo deɛ monni no ni. 50 Memmpere nhwehwɛ animuonyam mma mʼankasa me ho. Obi a ɔhwehwɛ ma me na ɔno nso na ɔdi ma me. 51 Meka nokorɛ pefee kyerɛ mo , obiara a ɔdi mʼasɛm so no renwu da."

52 Yudafoɔ no nso ka kyerɛɛ no , "Afei na yɛahunu ampa ara wowɔ honhommɔne! Abraham wuiɛ. Adiyifoɔ no nso wuwuiɛ. Nanso, wo deɛ woka , Obiara a ɔdi mʼasɛm so no renwu da.53 Woyɛ kɛse sene yɛn agya Abraham anaa? Ɔwuiɛ; saa ara nso na adiyifoɔ no wuwuiɛ. Wosusu woyɛ hwan?"

54 Yesu buaa wɔn , "mʼankasa mehyɛ me ho animuonyam a, mʼanimuonyam no nka hwee. MʼAgya a mo nso moka ɔyɛ mo Onyankopɔn no, ɔno na ɔhyɛ me animuonyam. 55 Mo deɛ, monnim no, nanso me deɛ, menim no. meka mennim no a na meyɛ ɔtorofoɔ mo ara. Menim no na madi nʼasɛm nso so. 56 Mo agya Abraham ani gyee ɔbɛhunu me ba a mɛba no. Ɔhunuiɛ na nʼani gyeeɛ."

57 Yudafoɔ no nso bisaa no , "Wonnii mfeɛ aduonum koraa na ɛyɛɛ dɛn na wohunuu Abraham?"

58 Yesu buaa , "Mereka nokorɛ pefee akyerɛ mo , ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase." 59 Yudafoɔ no tasee aboɔ anka wɔde rebɛsi no, nanso Yesu kɔhintaeɛ. Yei akyi no, ɔfirii asɔredan no mu kɔeɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-