Yesu Awoɔ Ho Nkɔmhyɛ
26 Elisabet nyinsɛnee abosome nsia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase 27 sɛ, ɔnkɔ ɔbaa kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ɔfiri Ɔhene Dawid abusua mu no awadeɛ no nkyɛn. 28 Gabriel hunuu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ, "Asomdwoeɛ nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo."