Maria Ayɛyie Dwom
46 Maria kaa sɛ,
"Me ɔkra kamfo Awurade.
47 Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Onyankopɔn mu;
48 ɛfiri sɛ, wahunu nʼafenawa mmɔborɔni mmɔbɔ,
na ɛfiri ɛnnɛ, awontoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me deɛ Onyankopɔn ahyira no.
49 Ɛfiri sɛ, Ɔkronkronni Otumfoɔ no ayɛ ade kɛseɛ ama me;
50 nʼahummɔborɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ
ma wɔn a wɔsuro no na wɔdi no ni no nyinaa.
51 Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no
abɔ ahomasofoɔ ne ahantanfoɔ ne wɔn nsusuiɛ apete.
52 Watu aberempɔn adeɛ so
ama ahobrɛasefoɔ so.
53 Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa
na wagya ahonyafoɔ kwan nsapan.
54 Waboa nʼakoa Israel
na ne werɛ amfiri ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ
55 a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefoɔ no da."