Sakeo
1 Ɛda bi a na Yesu retwam wɔ Yeriko no, 2 ɔhunuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtogyeni panin sane yɛ osikani nso. 3 Ɛberɛ a Yesu retwam no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ɔhunu no, nanso ɛsiane sɛ na ɔyɛ onipa tiawa na wɔn a wɔdi Yesu akyi no dɔɔso enti, wanhunu no. 4 Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na ɛsisi hɔ no ase enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.
5 Ɛberɛ a Yesu duruu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so hunuu no ka kyerɛɛ no sɛ, "Sakeo, yɛ ntɛm na si fam, na wo fie na ɛnnɛ mɛtena." 6 Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigyeɛ gyee no fɛ so.
7 Nnipa a wɔdi Yesu akyi no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, "Ɔdebɔneyɛfoɔ yi na wakɔ akɔsoɛ no."
8 Ɛberɛ a nnipa no renwiinwii no, Sakeo bɛgyinaa Yesu nkyɛn kaa sɛ, "Awurade, ɛnnɛ, mede mʼahodeɛ mu fa kyɛ ahiafoɔ, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, mɛtua mmɔho nan ama no."
9 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba efie yi mu, ɛfiri sɛ, yei nso yɛ Abraham ba. 10 Na Onipa Ba no baeɛ sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na wagye wɔn nkwa."