Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 2

Wɔde Yesu Asɔrefie

22 Ɛberɛ duruu Yosef ne Maria kɔdwira wɔn ho sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, wɔde abɔfra no kɔɔ Yerusalem wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa. 23 Sɛdeɛ Mose mmara no kyerɛ no, "ɔbaa wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a, wɔde no ma Awurade." 24 Wɔkɔɔ asɔredan no mu nso kɔbɔɔ afɔdeɛ, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no: wɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu na wɔde afɔdeɛ no.

25 Ɛda no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso asɔredan mu bi. Na Simeon onipa tenenee, ɔhotefoɔ a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan. 26 Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no ɔrenwu kɔsi ɔbɛhunu Agyenkwa a Awurade asra no no. 27 Enti ɛberɛ a Maria ne Yosef duruu asɔredan no mu wɔde abɔfra no rekɔma Awurade sɛdeɛ mmara no te no, 28 wɔkɔtoo Simeon nso , na Simeon gyee abɔfra no hyɛɛ Awurade animuonyam ,

29 "Awurade,

afei ma wʼakoa nwu asomdwoeɛ mu

30 ɛfiri , mʼani ahunu Agyenkwa

31 a wohyɛɛ me ne ho no.

32 Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn ewiase nyinaa

na wahyɛ wo ɔman Israel animuonyam!"

33 Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne maame Maria nwanwa. 34 Afei, Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria , "Saa abɔfra yi so na Israelfoɔ mu dodoɔ no ara nkwagyeɛ ne wɔn asehweɛ bɛgyina. 35 Na ɔbɛma dodoɔ no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria deɛ, wobɛsi apinie wo mu."

Ana Nkɔmhyɛ

36 Saa ɛberɛ no, na Fanuel babaa odiyifoɔ Ana a ɔfiri Aser abusua mu no nso bi. Na Ana obi a wanyini. Ɔwaree ne mmabaawaberɛ mu ne ne kunu tenaeɛ mfeɛ nson na ne kunu no wuiɛ. 37 Ne kunu no wuo akyi no, ɔyɛɛ kuna kɔsii ɔdii mfeɛ aduɔwɔtwe ɛnan, na ɛberɛ biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadie ne mpaeɛbɔ som Onyankopɔn. 38 Saa ɛberɛ no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgye a ɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.

Veja também