Publicidade

Lucas 2

Yesu Awoɔ

1 Saa ɛberɛ no mu no, Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma ɔhempɔn hyɛɛ mmara bi wɔnkan ne ɔman no mu nnipa nyinaa. 2 Saa nnipakan yi ne deɛ ɛdi ɛkan a wɔkanee Kirenio a ɔyɛ amrado Siria no berɛ so. 3 Obiara kɔɔ ne kurom na wɔtwerɛɛ ne din.

4 Esiane na Yosef Ɔhene Dawid busuani no enti, na ɛsɛ ɔfiri Galilea kuro a wɔfrɛ no Nasaret mu Betlehem a ɛwɔ Yudea. 5 Ɔne ne yere Maria a saa ɛberɛ no na ɔnyem no na wɔkɔeɛ. 6 Wɔwɔ Betlehem no, awoɔ kaa Maria, 7 na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abɔfra no ho de no too mmoa adididaka mu, ɛfiri , wɔannya baabi ansoɛ ahɔhobea .

8 Anadwo no ara, na nnwanhwɛfoɔ bi nso ɛserɛ no so baabi rewɛn wɔn nnwan. 9 Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn animuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiaeɛ, na ɛmaa wɔn ho dwirii wɔn. 10 Ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn , "Monnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. 11 Ɛnnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo Dawid kurom. 12 Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a mobɛhunu. Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu."

13 Amonom ara, abɔfokuo bɛkaa ɔbɔfoɔ a ɔwɔ no ho na wɔtoo ayɛyie dwom ,

14 "Animuonyam nka Ɔsorosoro Onyankopɔn,

na asomdwoeɛ mmra wɔn a wɔsɔ nʼani asase so no so."

15 Ɛberɛ a abɔfokuo yi sane kɔɔ ɔsoro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho , "Momma yɛnkɔ Betlehem na yɛnkɔhwɛ saa anwanwasɛm a asi a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi."

16 Wɔde ahoɔherɛ kɔɔ Betlehem kɔhunuu Maria ne Yosef. Na wɔhunuu abɔfra no nso ɔda mmoa adididaka mu. 17 Nnwanhwɛfoɔ no hunuu abɔfra no no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro abɔfoɔ no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia no. 18 Wɔn a wɔtee nnwanhwɛfoɔ yi asɛm no nyinaa ho dwirii wɔn. 19 Nanso Maria deɛ, ɔde saa nsɛm a ɔteeɛ no nyinaa siee ne tirim dwenee ho. 20 Nnwanhwɛfoɔ no kɔhunuu deɛ abɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigyeɛ sane wɔn akyi kɔɔ deɛ wɔn nnwan no . Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.

Yesu Dintoɔ

21 Abɔfra no dii nnawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Ɛda no ara na wɔtwaa no twetia.

Wɔde Yesu Asɔrefie

22 Ɛberɛ duruu Yosef ne Maria kɔdwira wɔn ho sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, wɔde abɔfra no kɔɔ Yerusalem wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa. 23 Sɛdeɛ Mose mmara no kyerɛ no, "ɔbaa wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a, wɔde no ma Awurade." 24 Wɔkɔɔ asɔredan no mu nso kɔbɔɔ afɔdeɛ, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no: wɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu na wɔde afɔdeɛ no.

25 Ɛda no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso asɔredan mu bi. Na Simeon onipa tenenee, ɔhotefoɔ a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan. 26 Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no ɔrenwu kɔsi ɔbɛhunu Agyenkwa a Awurade asra no no. 27 Enti ɛberɛ a Maria ne Yosef duruu asɔredan no mu wɔde abɔfra no rekɔma Awurade sɛdeɛ mmara no te no, 28 wɔkɔtoo Simeon nso , na Simeon gyee abɔfra no hyɛɛ Awurade animuonyam ,

29 "Awurade,

afei ma wʼakoa nwu asomdwoeɛ mu

30 ɛfiri , mʼani ahunu Agyenkwa

31 a wohyɛɛ me ne ho no.

32 Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn ewiase nyinaa

na wahyɛ wo ɔman Israel animuonyam!"

33 Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne maame Maria nwanwa. 34 Afei, Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria , "Saa abɔfra yi so na Israelfoɔ mu dodoɔ no ara nkwagyeɛ ne wɔn asehweɛ bɛgyina. 35 Na ɔbɛma dodoɔ no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria deɛ, wobɛsi apinie wo mu."

Ana Nkɔmhyɛ

36 Saa ɛberɛ no, na Fanuel babaa odiyifoɔ Ana a ɔfiri Aser abusua mu no nso bi. Na Ana obi a wanyini. Ɔwaree ne mmabaawaberɛ mu ne ne kunu tenaeɛ mfeɛ nson na ne kunu no wuiɛ. 37 Ne kunu no wuo akyi no, ɔyɛɛ kuna kɔsii ɔdii mfeɛ aduɔwɔtwe ɛnan, na ɛberɛ biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadie ne mpaeɛbɔ som Onyankopɔn. 38 Saa ɛberɛ no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgye a ɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.

39 Wɔwiee amanneɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea, 40 Abɔfra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso ne so.

Yesu Asɔrefie

41 Afe biara na Yesu awofoɔ Yerusalem kɔdi Twam Afahyɛ no. 42 Sɛdeɛ na wɔn amanneɛ te no, Yesu dii mfeɛ dumienu no,2.42 Sɛ mmarimaa di mfirinhyia dumienu a, wɔfiri aseɛ yɛ ahoboa se wɔbɛwura nyamesom mu afe a ɛdi so no mu. nʼawofoɔ de no kɔɔ Yerusalem kɔdii Twam Afahyɛ no. 43 Wɔwiee afahyɛ no di a wɔresane akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofoɔ no nnim. 44 Wɔtwaa da koro ɛkwan a wɔn ani baa wɔn ho so Yesu nka wɔn ho no, wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa nʼase firii wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ nkyɛn. 45 Na wɔanhunu no no, wɔsane baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. 46 Ne nnansa akyi no, wɔkɔhunuu no Yerusalem asɔredan mu ɔte akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47 Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi ne mmuaeɛ nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwanwa. 48 Wɔkɔtoo no ɔte akyerɛkyerɛfoɔ no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Ne maame frɛɛ no bisaa no , "Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ."

49 Yesu buaa wɔn , "Adɛn enti na mohwehwɛ me? Monnim ɛyɛ mʼasɛdeɛ metena mʼagya efie som no anaa?" 50 Nanso, nʼawofoɔ no ante deɛ ɔkaeɛ no ase.

51 Yesu ne nʼawofoɔ kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ ɔsetie maa wɔn. Ne maame de nsɛm a ɛsisiiɛ no nyinaa siee ne tirim. 52 Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na ɔnyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-