Publicidade

Isaías 40

Onyankopɔn Nkurɔfoɔ Awerɛkyekyerɛ

1 Monkyekyere, monkyekyere me nkurɔfoɔ werɛ.

Saa na mo Onyankopɔn seɛ.

2 Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem,

na mompae mu nka nkyerɛ no

ne som denden no aba awieeɛ,

wɔatua ne bɔne no so ka,

na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho

afiri Awurade nsam.

3 Ɛnne bi reteam ,

"Monsiesie ɛkwan mma Awurade

anweatam no so.

Montene kwantempɔn ɛserɛ no so

mma yɛn Onyankopɔn.

4 Bɔnhwa biara bɛyɛ ma,

bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam,

asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa,

na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata.

5 Na Awurade animuonyam bɛda adi,

na nnipa nyinaa bɛhunu.

Ɛfiri Awurade na aka!"

6 Nne bi kaa , "Team."

Na mekaa , "Menteɛm nka sɛn?"

"dawuro nnipa nyinaa te ɛserɛ,

na wɔn animuonyam nyinaa te afuo so nhwiren.

7 Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam

ɛfiri Awurade ahomeguo fa wɔn so.

Nokorɛm nnipa no ɛserɛ.

8 Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam,

nanso yɛn Onyankopɔn asɛm no tim daa."

9 Wo a wode asɛm pa reba Sion,

foro bepɔ tenten bi so.

Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,

ma wo nne so na team,

ma so, nsuro;

ka kyerɛ Yuda nkuro ,

"Mo Onyankopɔn nie!"

10 Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba,

na nʼabasa bɛdi ɔhene ama no.

Hwɛ, nʼakatua ka ne ho,

na ɔde nʼabasobɔdeɛ nam.

11 Ɔhwɛ ne nnwankuo odwanhwɛfoɔ.

Ɔboa nnwammaa no nʼabasa so.

Ɔturu wɔn ne koko so;

na nnwan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.

12 Hwan na wasusu nsuo ne nsam

anaa ɔde ne nsateaa asusu ɔsoro?

Hwan na ɔde asase so mfuturo agu kɛntɛn mu,

anaa wakari mmepɔ nsania so

ne nkokoɔ nsania apampaa so?

13 Hwan na wate Awurade ase,

anaa wakyerɛkyerɛ no ne fotufoɔ?

14 Hwan na Awurade abisa no ɔnkyerɛ no biribi ase,

na hwan na ɔkyerɛɛ no ɛkwan pa no?

Hwan na ɔmaa no nimdeɛ

anaa ɔkyerɛɛ no nhunumu kwan?

15 Ampa ara aman no te nsuo sope bokiti mu;

wɔde wɔn toto mfuturo a ɛgu nsania so;

ɔkari nsupɔ te deɛ ɛyɛ mfuturo muhumuhu.

16 Lebanon nnɔɔso mma afɔrebukyia so ogya,

na ne mmoa renso mma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.

17 Aman nyinaa nsɛ hwee nʼanim;

ɔbu wɔn adehunu bi

a wɔnka hwee.

18 Afei hwan ho na wode Onyankopɔn bɛtoto?

Nsɛsodeɛ bɛn ho na wode no bɛtoɔ?

19 Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔyɛ,

na sikadwumfoɔ de sikakɔkɔɔ agu ho

na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.

20 Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛdeɛ yi mma no

kɔpɛ dua a ɛremporɔ.

Ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ

na wayɛ ohoni a ɛremmuni nhwe fam asi .

21 Wonnim anaa?

Wonteeɛ anaa?

Wɔnnka nkyerɛɛ wo firi ahyɛaseɛ no anaa?

Ɛfiri ɛberɛ a wɔbɔɔ asase no, wontee aseɛ anaa?

22 Ɔte ahennwa so asase kanko no atifi.

Ɛso nnipa te ntutummɛ

ɔtwe ɔsoro mu te ntwamutam,

na ɔde ntomadan tena mu.

23 Ɔma ahenemma nnipa hunu

na ewiase yi sodifoɔ nso, ɔbrɛ wɔn ase.

24 Wɔtɛɛ wɔn ara ,

wɔduaa wɔn ara ,

wɔgyee nhini asase mu

ɔhome gu wɔn so ma wɔkusa,

na ntwahoframa wɔn te ntɛtɛ.

25 "Hwan ho na wode me bɛto?

Anaasɛ hwan na ɔne me ?" Ɔkronkronni no na ɔseɛ.

26 Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro:

Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa?

Deɛ ɔyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako,

na ɔbɔ obiara din de frɛ no.

Nʼahoɔden ne ne tumi enti

wɔn mu baako mpo nnyeraeɛ.

27 Adɛn na woka , Ao Yakob,

na wonwiinwii, Ao Israel ,

"Mʼakwan ahinta Awurade;

na me Onyankopɔn abɔ mʼasɛm agu"?

28 Wonnim anaa?

Wonteeɛ anaa?

Awurade daapem Onyankopɔn,

na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ.

Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera,

na ne nhunumu nni nhwehwɛmu.

29 Ɔma deɛ watɔ bera ahoɔden

deɛ wayɛ mmerɛ nso, ɔto nʼahoɔden so.

30 Mpo, mmabunu brɛ, na wɔtɔ bera,

na mmeranteɛ suntisunti hwehwe ase;

31 Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so

bɛnya ahoɔden foforɔ.

Wɔde ntaban te akɔdeɛ deɛ bɛtu akɔ ewiem;

wɔbɛtu mmirika, na wɔremmrɛ.

Wɔbɛnante, na wɔrentɔ baha.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-