Publicidade

Lucas 23

33 Wɔduruu faako a wɔfrɛ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfoɔ baanu no asɛnnua mu a ɔbaako ne nifa na ɔbaako nso ne benkum. 34 Yesu kaa , "Agya, fa kyɛ wɔn, ɛfiri , wɔnnim deɛ wɔreyɛ." Afei, asraafoɔ no kyekyɛɛ ne ntadeɛ mu bɔɔ so ntonto faeɛ.

35 Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no gyinagyina rehwɛ no. Yudafoɔ mpanimfoɔ no dii ne ho fɛw , "Ɔgyee ebinom nkwa; ɔse ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, ɔnnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ."

36 Asraafoɔ no nso dii ne ho fɛw de nsã a ɛkeka bi brɛɛ no 37 kaa , "wone Yudafoɔ ɔhene no a, gye wo ho nkwa."

38 Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi asɛnnua no so ,

Yudafoɔ Ɔhene no ni.

39 Nnebɔneyɛfoɔ baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho , "Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso."

40 Nanso, ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔka ho no, kaa nʼanim , "Wonsuro Onyankopɔn? Hunu yɛn nyinaa afɔbuo korɔ no ara mu. 41 Yɛn deɛ, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na yei deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara."

42 Ɔsane kaa , "Yesu, woduru wʼAhennie mu a, kae me."

43 Yesu buaa no , "Merehyɛ wo , ɛnnɛ, wobɛka me ho Paradise."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-