49 Yesu gu so rekasa no, obi firi Yairo efie bɛka kyerɛɛ Yairo sɛ, "Wo babaa no anya awu enti nha Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio."
50 Yesu tee asɛm no, ɔsee Yairo sɛ, "Nsuro, gye di, na wo babaa no bɛnyane anya nkwa."
51 Ɔduruu efie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɛdan a abɔfra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abɔfra no awofoɔ nko ara. 52 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu, di awerɛhoɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monnsu, ɔnwuiɛ na wada."
53 Wɔseree no dii ne ho fɛw, ɛfiri sɛ, na wɔn deɛ, wɔnim pefee sɛ wawu. 54 Yesu sɔɔ ne nsa ka kyerɛɛ no sɛ, "Me ba, sɔre!" 55 Amonom hɔ ara, ɔsɔreeɛ na Yesu kaa sɛ wɔmma no biribi nni. 56 Nʼawofoɔ no ho dwirii wɔn yie nanso Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, wɔnnka deɛ asi no nkyerɛ obiara.