Publicidade

Marcos 11

Yesu Yerusalem

1 Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yerusalem, na wɔduruu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ no ho no, Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu, dii wɔn anim ɛkan. 2 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Monkɔ akuraa a ɛwɔ no ase. moduru a, mobɛhunu wɔasa afunumu ba bi a wɔntenaa ne so da ahoma. Monsane no, na momfa no mmrɛ me. 3 Na obi bisa mo ɛdeɛn na moreyɛ a, monka no tiawa , Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsane de no aba seesei ara.’ "

4 Asuafoɔ baanu no siim. Wɔkɔhunuu aboa no sa efie bi aboboano. Enti, wɔsanee no. 5 Wɔgu so resane no no, nnipa bi a wɔgyina nkyɛn bisaa wɔn , "Adɛn enti na moresane afunumu ba no?" 6 Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn aseɛ. 7 Wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, maa asuafoɔ no de wɔn ntoma guu aboa no so, maa Yesu tenaa ne so. 8 Nnipakuo a wɔwɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara. 9 Na Yesu di nnipakuo no mfimfini a wɔn nyinaa reteateam ,

"Hosiana!"

"Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba!"

10 "Animuonyam nka Onyankopɔn yɛn agya Dawid ahennie reba."

"Hosiana ɔsorosoro!"

11 Yesu kɔduruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ dinn ansa na ɔrefiri , ɛfiri , na onwunu redwo enti ɔne asuafoɔ dumienu no kɔɔ Betania.

Yesu Dome Ankaa Dua

12 Adeɛ kyee anɔpa a wɔrefiri Betania no, ɛkɔm dee no. 13 Wɔkɔɔ kakra no, ɔhunuu borɔdɔma dua bi si a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ kɔhwɛɛ aduaba no bi so anaa. Nanso, ɔduruu no, ɔhunuu nhahan nko ara na ɛwɔ so. Saa ɛberɛ no nso, na ɛnyɛ ɛberɛ a ɛsɛ borɔdɔma no so. 14 Nanso, Yesu domee borɔdɔma dua no , "Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!" Asuafoɔ no tee asɛm a ɔkaeɛ no.

Yesu Asɔrefie

15 Yesu sane baa Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔrefie . Ɔduruu no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma mu no nyinaa, 16 sii ɛkwan obiara mmɛdi dwa bio. 17 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Atwerɛsɛm no ka , Mʼasɔrefie beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ,nanso mo deɛ, mode ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ."

18 Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ tee deɛ Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho , pɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ayi no afiri . Asɛm a na ɛha wɔn ne , wɔanhwɛ no yie nso a, ɛde basabasa bɛba, ɛfiri , na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no atom.

19 Sɛdeɛ na wɔtaa no, anwummerɛ no ara, wɔfirii kuro no mu.

Borɔdɔma Dua A Ɛwuiɛ No

20 Anɔpa a asuafoɔ no retwam borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wohunuu awu. 21 Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteaam , "Hwɛ, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!"

22 Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "mowɔ gyidie Onyankopɔn mu a, 23 anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi , Tutu kɔgu ɛpo mu,na ɛbɛtutu akɔgu mu nso. Monnye nni; mommma mo gyidie nhinhim. 24 Montie deɛ mereka yi. Biribiara a mobɛbisa mpaeɛbɔ mu no, monnye nni mo nsa aka, na ɛbɛyɛ ama mo. 25 Na morebɔ mpaeɛ a, deɛ ɛdi ɛkan no, mowɔ obi ho asɛm a, momfa nkyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo. 26 Na moamfa bɔne ankyɛ a, saa ara na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso remfa mo bɔne nkyɛ mo."

Yesu Tumi Ho Nsɛmmisa

27 Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ asɔrefie no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne nkyɛn bɛbisaa no , 28 "Tumi bɛn na wogyinaa so pamoo adwadifoɔ no?"

29 Yesu nso buaa wɔn , "Merebɛbisa mo asɛm baako bi na mommua me! 30 Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni, anaa ɛnyɛ ɔno? Mommua me!"

31 Wɔdwennwenee ho kaa , "yɛka , Onyankopɔn na ɔsomaa no a,wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no anni. 32 Na yɛka , Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a,ɛdɔm no bɛha yɛn. Ɛfiri , wɔn nyinaa nim Yohane odiyifoɔ."

33 Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne , "Yɛrentumi mmua. Yɛnnim."

Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn , "monnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ!"

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-