Publicidade

Miquéias 7

Israel Ahohia

1 Mayɛ mmɔbɔ!

Mete aduaba tefoɔ a

otwa berɛ akyi mekɔdi mpɛpɛ bobe turo mu;

mennya bobe siaw na madi,

borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan a me kɔn nso, saa ara.

2 Moapra Nyamefɛrefoɔ nyinaa afiri asase so.

Anka ɔbaako a ɔtene mpo.

Nnipa nyinaa tetɛ na wɔhwehwɛ wɔbɛka mogya agu;

wɔsunsum wɔn ho wɔn ho mfidie.

3 Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu;

sodifoɔ bisa akyɛdeɛ,

ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ,

wɔn a tumi wɔn nsa mu no deɛ wɔpɛ,

wɔn nyinaa mu dwene amumuyɛ ho.

4 Deɛ ɔyɛ wɔn mu no te hwerɛmo;

deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban sene no.

Wʼatɛmmuda no aso,

ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ.

Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.

5 Nnye obiara nni;

mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu.

Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu no

to wo tɛkrɛma nnareka ne ho.

6 Ɔbabarima twiri nʼagya,

Ɔbabaa sɔre tia ne maame,

asebaa nso tia nʼase

na onipa biara atamfoɔ bɛfiri ɔno ankasa ne fiefoɔ mu.

7 Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade,

Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn;

na me Onyankopɔn bɛtie me.

Israel Bɛsɔre

8 Mma wʼani nnye, me ɔtamfoɔ!

Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre.

Esum aduru me deɛ,

nanso Awurade bɛyɛ me hann.

9 mayɛ bɔne atia no enti,

Awurade abufuo bɛba me so,

kɔsi ɔbɛka mʼasɛm ama me

na wada me bembuo adi.

Ɔde me bɛba hann no mu;

na mɛhunu ne tenenee.

10 Afei, mʼatamfoɔ bɛhunu

na wɔn ani bɛwu,

deɛ ɔsee me ,

"Ɛhe na Awurade wo Onyankopɔn no ?"

Mʼani bɛhunu nʼahweaseɛ;

mpo seesei no, wɔbɛtiatia ne so

te atɛkyɛ a ɛwɔ mmɔntene so.

11 Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba,

ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu.

12 Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛn

firi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu,

mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrate

afiri ɛpo akɔsi ɛpo

ne bepɔ so akɔsi bepɔ so.

13 Asase no bɛyɛ amanfo ɛsiane nnipa a wɔtete so

ne wɔn nneyɛɛ enti.

Mpaeɛbɔ Ne Nkamfoɔ

14 Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim,

nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no,

a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu

wira frɔmfrɔm adidibea .

Ma wɔn nnidi Basan ne Gilead

tete nna no mu.

15 "Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo,

sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no."

16 Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu,

wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no.

Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano

na wɔn aso bɛsisi.

17 Wɔbɛdi dɔteɛ awɔ,

ne mmoa a wɔwea fam.

Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba;

wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn,

na wɔbɛsuro wo.

18 Hwan na ɔte wo,

Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?

Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn.

Wʼabofuo nntena daa

na mmom wʼani gye wobɛda mmɔborɔhunu adi.

19 Wobɛhunu yɛn mmɔbɔ bio,

wobɛtiatia yɛn bɔne so,

na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu.

20 Wobɛyɛ nokwafoɔ ama Yakob

na wahunu Abraham mmɔbɔ

sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam

teteete no.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-