4 Yesu nso bisaa wɔn sɛ, "Gyama monkenkan Atwerɛ Kronkron no? Wɔatwerɛ wɔ mu sɛ, ‘Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa! 5 Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’ 6 Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam korɔ. Enti, deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu."