Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 26

Wɔbɔ Yesu Ho

1 Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , 2 "Monim aka nnanu na Twam Afahyɛ no aduru, na wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asɛnnua mu."

3 Saa ɛberɛ no ara na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi ahyia mu Ɔsɔfopanin Kaiafa efie, 4 retu agyina ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhunu akyire. 5 Nanso, wɔkaa , "Ɛnsɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu."

Wɔsra Yesu Ngo Betania

6 Afei, Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani efie. 7 Ɔwɔ redidi no, ɔbaa bi26.7 Maria a ɔyɛ Marta ne Lasaro nuabaa (Yoh 12.3) a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne boɔ den yie toa ma baa , bɛhwie guu Yesu tirim.

8 Asuafoɔ no hunuiɛ no, anyɛ wɔn . Wɔkaa , "Adesɛeɛ yi ase ne sɛn? 9 Anka wɔbɛtumi atɔn sradeɛ hwamhwam yi anya sika bebree de ama ahiafoɔ."

10 Yesu hunuu wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn , "Adɛn na moka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ yi ho asɛm saa? Wayɛ ade pa ama me. 11 Mo ne ahiafoɔ ha daa, na me deɛ, me ne mo nni daa. 12 Wahwie ngo hwamhwam yi agu me so, de asiesie me onipadua ama me sie. 13 Wɔde deɛ ɔyɛeɛ yi bɛkae no daa. Wɔbɛka deɛ ɔyɛeɛ yi ewiase baabiara a wɔka asɛmpa no."

Yuda Pene So Ɔbɛyi Yesu Ama

14 Afei, Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn, 15 kɔbisaa wɔn , "meyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?" Wɔmaa no dwetɛ mpɔ aduasa 16 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn.

Yesu Ne Nʼasuafoɔ Adidie A Ɛdi Akyire

17 Apiti Afahyɛ da a ɛdi ɛkan no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no , "Ɛhe na wopɛ yɛkɔdi Twam Afahyɛ no?"

18 Ɔbuaa wɔn , "Monkɔ kuro no mu nkɔhunu ɔpanin asomasi nka nkyerɛ no , Yɛn Wura se, ne berɛ abɛn, na wo fie na ɔne nʼasuafoɔ no bɛdi Twam Afahyɛ no.’ " 19 Asuafoɔ no dii deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduane a wɔbɛdi efie a wɔnyaeɛ no mu.

20 Ɛduruu anwummerɛ a ɔne Dumienu no te adidiiɛ no, 21 ɔkaa , "Mo mu baako bɛyi me ama."

22 Asɛm yi maa wɔn werɛ hoo yie, na wɔfirii aseɛ bisabisaa mmaako mmaako , "Awurade, ɛyɛ me anaa."

23 Yesu buaa , "Deɛ ɔne me didi ayowaa baako mu no, ɔno na ɔbɛyi me ama. 24 Ɛsɛ Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ."

25 Yuda nso bisaa no , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ me anaa?"

Yesu buaa no , "Aane."

Adidi Kronkron

26 Ɛberɛ a wɔredidi no. Yesu faa burodo, na ɔhyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafoɔ no kaa : "Monnye nni, yei ne me onipadua."

27 Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kaa , "Mo nyinaa monnom bi, 28 na yei ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den, a wɔhwie gu ma nnipa bebree nya bɔne fakyɛ.

Veja também