Publicidade

Mateus 27

Wɔde Yesu Pilato Anim

1 Adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ama Roma aban abu Yesu kumfɔ. 2 Afei, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim.

Yuda Ahonu

3 Saa ɛberɛ no ara mu, Yuda a ɔyii Yesu maeɛ no hunuu wɔabu Yesu kumfɔ no, ɔnuu ne ho yie. Enti, ɔsane de sika a ɔgye firii asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kaa , 4 "Mayɛ bɔne, ɛfiri , mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara ama."

Wɔn nso kaa , "Ɛmfa yɛn ho. Wo ara wʼasɛm."

5 Ɔtoo sika no guu asɔredan no mu, firii kɔhyɛɛ ahoma.

6 Asɔfoɔ mpanin no sesaa sika no kaa , "Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn toɔ a yɛagyeɛ mu. Ɛfiri , yɛn mmara mma ho ɛkwan yɛbɛgye sika a wɔde abɔ awudie ho paa." 7 Wɔdwennwenee ho sii gyinaeɛ , wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wɔtu dɔteɛ de nwono nkukuo, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusieeɛ ama ahɔhoɔ a wɔbɛwu Yerusalem no. 8 Enti na wɔda so frɛ saa asase no , "Mogya Asase" de bɛsi ɛnnɛ yi. 9 Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaa , "Wɔgyee dwetɛ mpɔ aduasa, ɛboɔ a Israelfoɔ sese hunuu ɛfata, 10 ɛnna wɔfiri mu tɔɔ asase firii anwomfoɔ nkyɛn, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me" no baa mu.

Yesu Gyina Pilato Anim

11 Afei, wɔde Yesu bɛgyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Ɔbisaa Yesu , "Wone Yudafoɔ Ɔhene no anaa?"

Yesu buaa , "Wo na woaka."

12 Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa. 13 Pilato bisaa no , "Wonte deɛ wɔreka no anaa?" 14 Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwanwa.

Wɔbu Yesu Kumfɔ

15 Na ɛyɛ amrado no amanneɛ afe biara Twam Afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako a ɔman no wɔgyaa no. 16 Saa afe no mu, na onipa bɔnefoɔ bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase. 17 Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa Pilato ahemfie anim no, Pilato bisaa wɔn , "Hwan na mopɛ megyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?" 18 Na ɔnim pefee Yudafoɔ mpanin no de ɔtan na akyere Yesu ɛfiri , na wagye edin.

19 Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no , "Gyaa onipa tenenee no na ɔnkɔ ne baabi ɛfiri , anadwo yi, mesoo ne ho daeɛ a ɛyɛ hu yie maa me ho yeraa me."

20 Nanso, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kasa kyerɛɛ ɛdɔm no , wɔmmisa na wɔnnyaa Baraba mma wɔn na wɔnkum Yesu.

21 Enti, ɛberɛ a amrado no sane bisaa wɔn , "Nnipa baanu yi mu hwan na mopɛ megyaa no ma mo?"

Na ɛdɔm no gyee so , "Baraba!"

22 Pilato bisaa wɔn bio , "saa deɛ a, ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?"

Wɔn nyinaa gyee so bio , "no asɛnnua mu!"

23 Pilato bisaa wɔn , "Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?"

Nanso, wɔkɔɔ so gyee so ara , "no asɛnnua mu! no asɛnnua mu!"

24 Afei, Pilato hunuu ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ yie na basabasayɛ reba no, ɔmaa wɔsaa nsuo guu adeɛ mu brɛɛ no, ma ɔhohoroo ne nsa ɛdɔm no anim kaa , "Menni saa onipa tenenee yi mogya ho . Deɛ ɛbɛba biara no mo asɛm!"

25 Nnipadɔm no sane gyee so bio , "Ne mogya mmɛgu yɛn ne yɛn mma tiri so."

26 Afei Pilato yii Baraba firii afiase de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa wieeɛ no, ɔde no maa Roma asraafoɔ no wɔmfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnua mu.

Yesu Ho Fɛdie

27 Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu ɛnna wɔfrɛɛ asraafodɔm baa . 28 Wɔyii Yesu atadeɛ a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no, 29 ɛnna wɔde nkasɛɛ atentene nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no, ɛnna wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa ahempoma, ɛnna wɔbubuu nkotodwe nʼanim hyɛɛ aseɛ gyee so, dii ne ho , "Yudafoɔ Ɔhene, wo nkwa so." 30 Wɔtetee ntasuo guu ne so na wɔgyee dua no firii ne nsam de paa nʼapampam. 31 Wɔdii ne ho wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de ɔno ankasa nʼatadeɛ no sane hyɛɛ no bio. Afei, wɔde no kɔeɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.

Wɔbɔ Yesu Asɛnnua Mu

32 Ɛberɛ a wɔde no rekɔ baabi a wɔbɔ asɛnnua mu no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɛwɔ Abibirem. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no bi. 33 Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ Golgota a nʼasekyerɛ ne "Nitire So." 34 Ɛhɔ na asraafoɔ no maa no nsã nwononwono bi ɔnnom. Yesu kaa nʼano no, wannom. 35 Afei, wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Ɛno akyi, wɔbɔɔ nʼatadeɛ no so ntonto kyekyɛ faeɛ. 36 Afei, wɔn nyinaa tenatenaa ase wɛnee no. 37 Wɔtwerɛɛ nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi ,

"Yesu, Yudafoɔ Ɔhene No Ni."

38 Wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so. 39 Nnipa a wɔsen faa baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no nyinaa wosoo wɔn ti, dii Yesu ho , 40 "Ɛnyɛ wo na woseɛ wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? wo na woseɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam ma yɛnhwɛ!" 41 Saa ara nso na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bɛdii ne ho , 42 "Ɔgye afoforɔ, nanso ɔntumi nnye ne ho! wone Israelfoɔ ɔhene no ampa ara a, siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni. 43 Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei, ma Onyankopɔn nnye no! Wanka nso , Meyɛ Onyankopɔn Ba?’ " 44 Awudifoɔ bi a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso hyɛɛ aseɛ dii ne ho fɛw.

Yesu Wuiɛ

45 Ɛberɛ a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no, esum duruu asase so afanan nyinaa firi owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmiɛnsa. 46 Ɛbɛyɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, Yesu teaam denden , "Eli, Eli, lama sabaktani?" Aseɛ kyerɛ , "Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?"

47 Wɔn a wɔgyina no bi ante aseɛ susuu ɔrefrɛ Elia.

48 Wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ bi de bɔɔ nsã nwononwono bi mu de tuaa dua bi so de brɛɛ Yesu ɔnnom. 49 Nanso, nnipa no nkaeɛ no kaa , "Gyaa no na yɛnhwɛ Elia bɛba abɛgye no anaa."

50 Afei, Yesu teaam denden bio gyaee ne honhom mu wuiɛ.

51 Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam. Asase wosoeɛ. Abotan mu paapaeɛ. 52 Adamena so buebueeɛ maa ateneneefoɔ a wɔawuwuo nyanenyaneeɛ. 53 Yesu wusɔreɛ akyi no, wɔfifirii wɔn adamena mu kɔɔ Yerusalem, kɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.

54 Asraafoɔ a wɔwɔ no hunuu asase wosoɔ ne nsɛm a ɛsisii no, wɔn akoma tuu yie, ma wɔkaa , "Ampa ara, onipa yi Onyankopɔn Ba."

55 Saa ɛberɛ no na mmaa bebree a Yesu ho enti, wɔdii nʼakyi firi Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. 56 Mmaa no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef maame. Na Sebedeo mmammarima no maame nso ka ho.

Wɔsie Yesu

57 Ɛduruu anwummerɛ no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani no 58 kɔɔ Pilato kɔsrɛɛ no ɔmfa Yesu amu no mma no. Ɛnna Pilato hyɛɛ wɔmfa amu no mma no. 59 Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho, 60 na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforɔ bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano, ansa na ɔregya akɔ. 61 Maria Magdalene ne Maria baako no deɛ, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no.

Wɔwɛn Ɔboda No

62 Adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ da a ɛdi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no kɔɔ Pilato nkyɛn, 63 kɔka kyerɛɛ no , "Owura, ɔtorofoɔ no kaa ɛberɛ bi , Nnansa akyi no, mɛsane aba nkwa mu bio.64 Yei enti, ma yɛn ɛkwan na yɛnkɔtare ɔboda no ano nkɔsi nnansa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼasuafoɔ no ntwa wɔn ho nkɔwia amu no mmɔ no dawuro wasɔre afiri awufoɔ mu. Na ɛkɔba saa deɛ a, anka akyire no nnaadaa bɛsene kane deɛ no."

65 Pilato ka kyerɛɛ wɔn , "Mowɔ awɛmfoɔ. Momma wɔnkɔwɛn." 66 Enti, wɔkɔtaree ɔboda no ano, maa awɛmfoɔ kɔwɛneeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara ntumi nkɔwura nkɔwia amu no.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-