Awurade Abufuo A Ɛtia Ninewe
2 Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn,
Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma.
Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ
na nʼabufuo tena wɔn so.
3 Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so,
na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso.
Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu,
omununkum yɛ ne nan ase mfuturo.