Pular para o conteúdo
Publicidade

Nehemia 2

Nehemia Yerusalem

1 Nisan bosome (bɛyɛ Oforisuo) Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na menyɛɛ mʼanim bosaa ɔhene anim da. 2 Enti, ɔhene no bisaa me , "Adɛn enti na wo werɛ aho saa? Woyare anaa? Wosɛ obi a ɔhaw kɛseɛ bi da ne so."

Ehu kɛseɛ tɔɔ me so, 3 nanso, mebuaa , "Ɔhene nkwa so! Adɛn enti na ɛnsɛ me werɛ hoɔ? Kuropɔn a wɔsiee me mpanimfoɔ mu no abubu, na wɔahye nʼapono no nyinaa."

4 Ɔhene no bisaa , "Ɛyɛ, ɛkwan bɛn so na mɛtumi aboa wo?"

Na mebɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ, 5 buaa , "ɛsɔ Ɔhene Kɛseɛ ani, na me, wo ɔsomfoɔ, mesɔ wʼani a, ɛnneɛ ma menkɔ Yuda nkɔsiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom mu no."

6 Ɛberɛ a ɔhemmaa te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisaa , "Wokɔ a, wobɛdi nna ahe? Da bɛn na wobɛsane aba?" Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mɛsim.

7 Afei, meka kyerɛɛ ɔhene , "Ɔhene Kɛseɛ ɛsɔ wʼani a, ma me nkrataa nkɔma amradofoɔ a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no, na wɔmma me kwan mfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda. 8 Na mesrɛ , ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwaeɛ so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpunan ama Asɔredan no aban ano apono, kuropɔn no afasuo ne mʼankasa me fie." Na ɔhene no penee saa abisadeɛ yi nyinaa so, ɛfiri , na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no me so.

9 Meduruu amradofoɔ a wɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam nkyɛn no, mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Deɛ ɛka ho ne , ɔhene maa asraafoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ kaa me ho bɔɔ me ho ban. 10 Nanso, Haronini Sanbalat2.10 Na Sanbalat yɛ amrado wɔ Samaria. ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanimfoɔ tee mabɛduru no, wɔn bo fuu yie obi aba a ɔpɛ ɔboa Israel.

Nehemia Kɔhwɛ Yerusalem Ɔfasuo No

11 Meduruu Yerusalem nnansa akyi no, 12 mefaa nnipa kakra bi kaa me ho, firii anadwo no. Manka nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn de ahyɛ mʼakoma mu Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho afunumu a mete ne soɔ no nko.

13 Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono2.13 Sumina Pono no mu na na Yudafoɔ de mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔdeɛ no fa kɔ Ben-Heinnom subɔnhwa mu (3.13-14; 2 Ah 23.10). no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no. 14 Afei, mefaa Asutire Ɛpono no ho kɔsii Ɔhene Abura no ho, nanso na mʼafunumu no ntumi mfa mmubuiɛ no mu. 15 Enti, mefaa Kidron Bɔnhwa no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasuo no ansa na meresane mʼakyi abɛfa Bɔnhwa Ɛpono no mu bio. 16 Na kuropɔn no mu mpanimfoɔ nnim makɔ , na wɔnnim deɛ mereyɛ nso, ɛfiri , na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara. Na me ne asɔre mpanimfoɔ, amanyɛ ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ anaa mmapɔmma no mu biara nkasaeɛ.

17 Na afei, meka kyerɛɛ wɔn , "Monim amaneɛ a ato yɛn kuropɔn yi yie. Abubu na nʼapono nso ahye. Momma yɛnto Yerusalem ɔfasuo no bio mfa mpepa animguaseɛ a ato yɛn yi!" 18 Afei, mekaa sɛdeɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene diiɛ no kyerɛɛ wɔn.

Wɔbuaa prɛko , "Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasuo no bio!" Enti wɔhyɛɛ adwuma pa yi ase.

19 Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛeɛ no, wɔdii yɛn ho , na wɔbuu animtia kaa , "Ɛdeɛn na moreyɛ yi, na morete ɔhene anim atua sei?"

20 Na mebuaa , "Ɔsoro Onyankopɔn bɛboa yɛn, ama yɛadi nkonim. Yɛn a yɛyɛ nʼasomfoɔ bɛhyɛ aseɛ ato ɔfasuo yi bio. Nanso, mo deɛ monni kyɛfa biara Yerusalem."

Veja também