17 Na afei, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monim amaneɛ a ato yɛn kuropɔn yi yie. Abubu na nʼapono nso ahye. Momma yɛnto Yerusalem ɔfasuo no bio mfa mpepa animguaseɛ a ato yɛn yi!" 18 Afei, mekaa sɛdeɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene diiɛ no kyerɛɛ wɔn.
Wɔbuaa prɛko pɛ sɛ, "Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasuo no bio!" Enti wɔhyɛɛ adwuma pa yi ase.