Pular para o conteúdo
Publicidade

Nehemia 5

14 Na mepɛ meka , mfeɛ dumienu a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduasa mmienu so a meyɛɛ amrado Yuda no, me ne mʼadwumayɛfoɔ nnyee yɛn akɔnhomabɔdeɛ da. 15 Yei ne nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛda yɛne amradofoɔ a wɔdii ɛkan no ntam, ɛfiri , wɔde asodie kɛseɛ too ɔmanfoɔ no so. Na daa wɔgye nnuane ne nsã ka a ɛkari gram ahanan ne aduosia (460) ho firi nnipa no . Mpo, wɔn aboafoɔ faa ho didii ɔmanfoɔ no ho. Nanso, ɛsiane suro a na mesuro Onyankopɔn no enti, mamfa saa ɛkwan no so. 16 Mekum me ho maa ɔfasuo no ho adwumayɛ, na mampɛ mɛnya asase biara. Mehwɛɛ mʼadwumayɛfoɔ nyinaa de wɔn berɛ bɛyɛ adwuma ɔfasuo no ho.

17 Mammisa hwee, nso na ɛberɛ biara mema Yudafoɔ adwumayɛfoɔ ɔha aduonum didi me didipono so a, ahɔhoɔ a wɔfifiri nsase foforɔ so nka ho. 18 Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no nantwie baako, nnwan akɛseɛ nsia ne nkokɔ bebree. Na dadu biara, na ɛsɛ yɛnya nsã ahodoɔ nyinaa bi. Nanso, mannye amrado akɔnhomabɔdeɛ biara, ɛfiri , na ɔmanfoɔ no ahokyere mu dada.

19 Ao me Onyankopɔn, kae deɛ mayɛ ama nnipa yi, na hyira me.

Veja também