Pular para o conteúdo
Publicidade

Neemias 8

1 ɔmanfoɔ no nyinaa hyiaa wɔn nsuseneeɛ ɛpono no ano. Ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ Israelfoɔ nni so no. 2 Enti, bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔsɔfoɔ Ɛsra de krataa mmobɔeɛ a mmara no mu no baa badwa no a mmarima ne mmaa ne mmɔfra a wɔanyini te asɛm ase no anim. 3 Ɔde nʼani kyerɛɛ adwaberem nsuseneeɛ ɛpono no ano, firi anɔpahema kɔsii owigyinaeɛ kenkanee mmara no den, maa obiara a ɔte aseɛ no teeɛ. Ɔmanfoɔ no nyinaa wɛnee wɔn aso, tiee mmara no.

4 Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni no gyinaa apa tenten bi a wɔsi maa saa da no so. Nnipa a na wɔgyinagyina ne nifa so no no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so no no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.

5 Ɛsra gyinaa apa no so a nnipa dɔm no nyinaa hunu no. Ɛberɛ a wɔhunuu wabue nwoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn nan so. 6 Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, na ɔmanfoɔ no gyee so , "Amen! Amen!" ɛberɛ a wɔmemaa wɔn nsa so kyerɛɛ ɔsoro. Afei, wɔkotokotoeɛ, somm Awurade a wɔn anim butubutu fam.

7 Afei, Lewifoɔ a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina no deɛ wɔnyɛ. 8 Wɔkenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu kyerɛɛ wɔn deɛ wɔkenkan no ase, boaa ɔmanfoɔ no ma wɔtee twerɛpɛn biara ase.

9 Na amrado Nehemia, ɔsɔfoɔ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ aseɛ akyerɛ ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn , "Monnsu ɛda a ɛte yei! Ɛfiri , ɛnnɛ ɛda kronkron Awurade, mo Onyankopɔn, anim." Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa suiɛ.

10 Na Nehemia toaa so , "Momfa nnuane pa ne anonneɛ a ɛyɛ nkɔdi afahyɛ no na mo ne wɔn a wɔnni nnuane pa a wɔanoa no nnidi. Ɛnnɛ da kronkron Awurade anim. Monnni abooboo ne awerɛhoɔ, na Awurade mu anigyeɛ no ahoɔden."

11 Na Lewifoɔ no nso kasaa , "Hwɛ! Monnsu. Ɛfiri , ɛnnɛ ɛda kronkron" de dwodwoo wɔn.

12 Na nnipa no kɔdidiiɛ, kyɛɛ nnuane, nomeeɛ, dii dapɔnna no anigyeɛ so, ɛfiri , wɔtee Onyankopɔn nsɛm, tee aseɛ.

13 Na bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) a ɛtɔ so nkron no, mmusua ntuanofoɔ no ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ne Ɛsra hyiaeɛ , wɔrekɔ mmara no mu fekɔfekɔ. 14 Wɔkɔɔ mmara no mu no, wɔhunuu , Awurade nam Mose so ahyɛ , ɛsɛ Israelfoɔ no tena asese mu afahyɛ a wɔrebɛdi no saa bosome no mu no. 15 Waka , ɛsɛ wɔbɔ nhyɛ no ho dawuro wɔn nkuro nyinaa so, ne titire no, Yerusalem nam so aka akyerɛ ɔmanfoɔ no , wɔnkɔ nkokoɔ so nkɔpɛ ngo dua mman, kranku mman, ohwannua mman, ɛberɛ ne nnua kusukusuu mman, na wɔmfa mmɛbobɔ asese ntena mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no.

16 Enti, nnipa no kɔtwitwaa mman, na wɔde sisii asese wɔn afie, wɔn adihɔ, Onyankopɔn asɔredan adihɔ anaa adwaberem a ɛwowɔ asutene apono no ne Efraim apono no mu. 17 Enti, obiara a wafiri nneduasom mu aba no kɔtenaa saa asese yi mu afahyɛberɛ no nnanson mu, na obiara ani gyee yie. Ɛfiri Nun babarima Yosua berɛ so no, Israelfoɔ anni afahyɛ no saa ɛkwan yi so.

18 Ɛsra kenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu afahyɛ no mu nnanson no mu da biara. Afei, Tisri bosome (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu anibereɛ so, sɛdeɛ Mose mmara hwehwɛ no.

Veja também