Publicidade

Provérbios 19

1 Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm no

sene ɔkwasea a nʼasɛm mfa ɛkwan mu.

2 Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nyɛ,

saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera ɛkwan nso nyɛ.

3 Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ,

nanso nʼakoma huru tia Awurade.

4 Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree;

nanso ohiani adamfo gya no .

5 Adansekurumni bɛnya nʼakatua,

na deɛ ɔtwa nkontompo remfa ne ho nni.

6 Nnipa pii adom firi sodifoɔ nkyɛn,

na deɛ ɔkyɛ adeɛ obiara adamfo.

7 Ohiani abusuafoɔ nyinaa po no,

na saa ara na ne nnamfonom po no!

Mpo ɔhwehwɛ wɔn ɔpa wɔn kyɛw,

nanso ɔnhunu wɔn baabiara.

8 Deɛ ɔnya nyansa no ne kra;

deɛ ɔpɛ nhunumu no nya nkɔsoɔ.

9 Adansekurumni bɛnya asotwe,

na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera.

10 Akɛsesɛm mfata ɔkwasea,

anaasɛ akoa bɛdi mmapɔmma so!

11 Onipa nyansa ma no ntoboaseɛ;

ɔbu nʼani gu mfomsoɔ bi so a ɛhyɛ no animuonyam.

12 Ɔhene abufuo te gyata mmobom,

na nʼadom te ɛserɛ so bosuo.

13 Ɔba kwasea nʼagya ɔsɛeɛ,

ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te nsusosɔ a ɛntwa da.

14 Afie ne ahonyadeɛ agyapadeɛ a ɛfiri awofoɔ,

na ɔyere nimdefoɔ firi Awurade.

15 Akwadworɔ de nnahɔɔ ba,

na ɛkɔm de ɔkwadwofoɔ.

16 Deɛ ɔdi nkyerɛkyerɛ so no ne nkwa ho ban,

na deɛ ɔgyaagyaa ne ho no bɛwu.

17 Deɛ ɔyɛ adɔeɛ ma ohiani no de fɛm Awurade,

na ɔbɛtua no deɛ ɔyɛ no so ka.

18 Tene wo ba, na ɛno mu na anidasoɔ ,

na ɛnyɛ wɔn a wɔde no owuo mu no mu baako.

19 Ɛsɛ onipa a nʼakoma ha no no tua so ka;

woka ma no a wobɛyɛ bio.

20 Tie afotuo na gye nkyerɛkyerɛ to mu,

na awieeɛ no, wobɛhunu nyansa.

21 Nhyehyɛeɛ bebree onipa akoma mu,

nanso deɛ Awurade no na ɛba mu.

22 Deɛ onipa ne nokorɛ ;

ɛyɛ wobɛyɛ ohiani sene wobɛyɛ ɔtorofoɔ.

23 Awurade suro nkwa mu;

na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.

24 Ɔkwadwofoɔ nsa ka ayowaa mu

na ɔremma so mpo nkɔ nʼano!

25 Twa ɔfɛdifoɔ mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene;

ka deɛ ɔwɔ nhunumu anim, na ɔbɛnya nimdeɛ.

26 Deɛ ɔbɔ nʼagya korɔno na ɔpamo ne maame no

ɔba a ɔde aniwuo ne animguaseɛ ba.

27 Me ba, wogyae nkyerɛkyerɛ tie a,

wobɛmane afiri nimdeɛ nsɛm ho.

28 Adansekurumni di atɛntenenee ho fɛw;

na omumuyɛfoɔ ano mene bɔne.

29 Wɔasiesie asotwe ama fɛdifoɔ,

ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-