Publicidade

Romanos 8

Nkwa A Ɛfiri Honhom Mu

1 Enti, afɔbuo nni ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu 2 ɛfiri Honhom Kronkron no ama mo nkwa a ɛfiri Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afiri mmara a ɛde owuo ba. 3 Esiane ɔhonam mmerɛyɛ enti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ deɛ Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔdeɛ maa yɛn, na ɔbɛbuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne. 4 Onyankopɔn yɛɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛdeɛ ama yɛn, yɛn a yɛnnante ɔhonam fam, na mmom yɛnante honhom mu no.

5 Wɔn a honam mmerɛyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom deɛ. 6 Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛyɛ adwene no bɛwu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no bɛnya nkwa ne asomdwoeɛ. 7 Adwene a ɛdwene honam mu no tan Onyankopɔn, ɛfiri , ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi. 8 Wɔn a wɔdwene honam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.

9 Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ honam mmerɛyɛ na ɛdi mo so. Na obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea. 10 Ɛwom bɔne bɛma mo nipadua yi awu deɛ, nanso Kristo te mo mu a, ne tenenee enti, mo honhom te ase. 11 Onyankopɔn Honhom a ɛnyanee Yesu firii awufoɔ mu no te mo mu a, ɛnneɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ɛwu yi nso nkwa.

12 Enti anuanom, yɛwɔ asodie bi, nanso, yɛnyɛ mma honam no sɛdeɛ ɔpɛ. 13 motena ase ma ɔhonam a, mobɛwu. Nanso, moma Honhom no kum bɔne a nipadua no a, mobɛnya nkwa.

14 Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no Onyankopɔn mma. 15 Ɛfiri , moannya honhom a ɛma mo nkoa bio ma ɔsuro, na mmom, moanya abayɛ Honhom na yɛnam ne so su , "Abba, Agya!" 16 Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanseɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. 17 Esiane yɛyɛ Onyankopɔn mma enti, yɛyɛ adedifoɔ; Onyankopɔn adedifoɔ a yɛne Kristo kyɛfa mu, nanso gye yɛne no kyɛ nʼamanehunu ansa na yɛne no akyɛ nʼanimuonyam.

Daakye Animuonyam

18 Menim amanehunu a yɛrehunu no saa ɛberɛ yi nyɛ deɛ wɔdetoto animuonyam a wɔbɛhyɛ yɛn no ho. 19 Abɔdeɛ nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no ɛkwan. 20 Ɛfiri , ɛberɛ a ɛmfiri abɔdeɛ mu no, wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔdeɛ ɛnnane ade hunu. Nanso na saa anidasoɔ yi 21 , da bi abɔdeɛ no bɛde ne ho afiri nkoayɛ ne porɔeɛ mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadie mu animuonyam.

22 Yɛnim ɛbɛsi saa ɛberɛ yi abɔdeɛ nyinaa pene ɔpemfoɔ a awoɔ aka no. 23 Nanso, ɛnyɛ abɔdeɛ nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom Onyankopɔn akyɛdeɛ no nso si apinie ɛberɛ a yɛretwɛn Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Yei kyerɛ yɛbɛde yɛn ho ɔhonam fam nso. 24 Na wɔnam saa anidasoɔ yi so gyee yɛn nkwa. yɛhunu deɛ yɛn ani da so no deɛ a, na ɛnyɛ anidasoɔ bio. Na hwan na nʼani tumi da adeɛ a ɔwɔ dada so. 25 Na yɛn ani da adeɛ a yɛn nsa nkaeɛ so a, yɛde boasetɔ twɛn.

26 Saa ara na Honhom no boa yɛn yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri , yɛnnim ɛkwan a wɔfa so mpaeɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisie de nsɛm a ɛnni kabea di ma yɛn. 27 Onyankopɔn a ɔhunu nnipa akoma mu no nim Honhom no nsusuiɛ, ɛfiri , Honhom no nam Onyankopɔn so di ma Onyankopɔn mma nʼanim.

Yɛsene Nkonimdifoɔ

28 Yɛnim adeɛ nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ɛwie wɔn yie. Ɛdi boa wɔn a wɔnam nʼatirimpɔ so afrɛ wɔn. 29 Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dada no, ɔde wɔn asi wɔnyɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan. 30 Onyankopɔn frɛɛ wɔn a ɔyii wɔn sii no, na wɔn a ɔyii wɔn no, ɔbuu wɔn bem. Na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn animuonyam nso.

Onyankopɔn Yɛn Afa

31 Afei, ɛdeɛn na yɛbɛka afa yeinom ho? Onyankopɔn yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie? 32 Deɛ wankame nʼankasa ne Ba, na mmom, yɛn nyinaa enti, ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa adeɛ nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? 33 Hwan na ɔbɛbu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na ɔbu bem. 34 Hwan na ɔbu ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ na wɔnyanee no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn Onyankopɔn anim no. 35 Hwan na ɔbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa owuo na ɛbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa? 36 Dabi! Wɔatwerɛ ,

"Wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa;

wɔbu yɛn nnwan a wɔrekɔkum wɔn."

37 Nanso, yeinom nyinaa mu no, yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. 38 Megye medi ampa owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi 39 anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-