14 Me nuanom, sɛ obi ka sɛ, "Mewɔ gyidie" na ɔnni gyidie no ho dwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Saa gyidie no bɛtumi agye no nkwa anaa? 15 Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntoma ho hia wɔn na wɔnni aduane dodoɔ nso a wɔbɛdi, 16 sɛ wokɔka kyerɛ wɔn sɛ, "Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hye na monnidi yie" na sɛ woamma wɔn asetena yi mu deɛ ɛhia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? 17 Saa ara na gyidie teɛ. Sɛ nneyɛeɛ nka ho a, na awu.