Pular para o conteúdo
Publicidade

Tiago 4

Ahohoahoa Ne Kɔkɔbɔ

13 Mo a moka , "Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro bi so akɔdi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika" no, montie me. 14 Monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena: Mote huhuro a ɛba mmerɛ tiawa bi na ayera. 15 Asɛm a ɛsɛ moka ne , "Awurade a, yɛbɛyɛ yei anaa yei." 16 Nanso, seesei mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo; saa ahohoahoa no nyinaa bɔne. 17 Enti, deɛ ɔnim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.

Veja também