Publicidade

Tito 3

Okristoni Su

1 Kae wo nkurɔfoɔ na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ mpaninnie ne tumi ase na wɔntie wɔn na wɔnsiesie wɔn ho mma nnwuma pa biara. 2 Ka kyerɛ wɔn wɔnnka asɛmmɔne mfa obi ho na mmom, wɔnnwo brɛoo na daa wɔnyi ɔdɔ adi nkyerɛ nnipa nyinaa.

3 Kane no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafoɔ, asoɔdenfoɔ, ne abɔnefoɔ. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigyeɛ ahodoɔ nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ bɔne ne anibereɛ ho. Afoforɔ tanee yɛn maa yɛn nso yɛtanee wɔn. 4 Nanso, ɛberɛ a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamyɛ ne ne daa adi no, 5 ɔgyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɔnam nʼahummɔborɔ mu ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa, ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforɔ ama yɛn nkwa foforɔ. 6 Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so 7 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼadom enti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ. 8 Yei nokwasɛm. Mepɛ woti saa asɛm yi mu yie na ama wɔn a wɔgye Onyankopɔn di no ahunu , ɛsɛ wɔde wɔn berɛ di dwuma pa. Yeinom nyinaa , na ɛho mfasoɔ ma nnipa.

9 Nanso, monnnye nkwasea akyinnyeɛ. Saa ara nso na monnto ana, nkasakasa, nko mmara so. Ɛho nni mfasoɔ biara. 10 Obi a ɔde mpaapaemu ba no, no kɔkɔ deɛ ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so mmienu, na ɛno akyi no, te wo ho firi ne ho. 11 Ɛsɛ wohunu obi a ɔte saa no asɛe, na bɔne a ɔyɛ no da adi ne ho.

12 mesoma Artema anaa Tihiko wo nkyɛn a, mmɔden bra me nkyɛn Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim mɛtena awɔberɛ no. 13 mmɔden gya mmaranimfoɔ Sena ne Apolo ɛkwan yie na anhia wɔn hwee.

14 Ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua sɛdeɛ wɔde wɔn adagyeɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ wɔtena ase kwa.

15 Wɔn a wɔne me ha nyinaa kyeakyea wo.

Kyea wɔn a wɔdɔ yɛn gyidie mu ma yɛn.

Adom nka mo nyinaa.

Veja também

Tito
Ver todos os capítulos de Tito
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-