Agradecimento
O agradecimento é a linguagem natural do cristão. Em tudo dai graças! A gratidão a Deus transforma a perspectiva, fortalece a fé e produz alegria em todos os tempos.
Dar graças sempre
Em tudo dai graças, porque esta é a vontade de Deus em Cristo Jesus para convosco. A gratidão é atitude fundamental.
biribiara mu, monna ase. Eyi na Onyankopɔn hwehwɛ afi mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu.
na monna Agya Onyankopɔn ase bere biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.
Momma Kristo asomdwoe no ntena mo koma mu. Saa asomdwoe yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo nipadua koro mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayeyi. Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo koma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom. Mumfi mo koma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn. Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.
Momma Kristo asomdwoe no ntena mo koma mu. Saa asomdwoe yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo nipadua koro mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayeyi.
Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo koma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom. Mumfi mo koma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn. Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.
Mommɔ mpae daa. Monyɛ nnam wɔ mo mpaebɔ mu na monna Onyankopɔn ase.
Mommma biribiara nhaw mo. Daa mo nkotosrɛ ne aseda mpaebɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnu Onyankopɔn anim.
Louvor e gratidão
Entrai pelas portas com ação de graças. Rendei graças ao Senhor porque Ele é bom e a sua bondade dura para sempre.
Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu,
na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo;
momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.
Monna Awurade ase na oye.
Nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Monna Awurade ase na oye;
na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim,
na yɛmfa ahosɛpɛw nnwom mma no so.
Efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn kɛse,
ɔhenkɛse wɔ anyame nyinaa so.
Eye sɛ wɔkamfo wo Awurade
na wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam, Ɔsorosoroni,
na wɔpae mu ka wʼadɔe anɔpa
ne wo nokware anadwo,
Nea ɔbɔ aseda afɔre no hyɛ me anuonyam,
na osiesie kwan
sɛnea mɛda Onyankopɔn nkwagye adi akyerɛ no."
Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Woyɛ me Nyankopɔn na meyi wo ayɛ;
wone me Nyankopɔn na mɛma wo so.
Monna Awurade ase, efisɛ oye;
na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Afei, yɛn Nyankopɔn, yɛda wo ase,
na yɛkamfo wo din kronkron no.
Expressões de gratidão
Graças a Deus pelo seu dom inefável! A gratidão se expressa em oração, louvor e generosidade para com os outros.
Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛde a enni kabea no ho.
Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔe, na ɛnam so ama dodow no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛde a yenya fi mo nkyɛn no ho.
Nanso yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!
Aseda
Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo.
Aseda Mpae
Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma mo nyinaa, efisɛ mo gyidi a mowɔ no adu wiase mmaa nyinaa.
Wonim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne nidi a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu.
Efisɛ ade nyinaa fi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsan akɔ ne nkyɛn bio.
Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.
" ‘Awurade nhyira mo
na ɔnhwɛ mo so.
Awurade ntew nʼanim nkyerɛ mo
na ɔnnom mo.
Awurade mma nʼani so nhwɛ mo
na ɔmma mo asomdwoe.’
Nanso me, mede ayeyi nnwom
bɛbɔ afɔre ama wo.
Nea mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ.
Nkwagye fi Awurade."
Aseda
Anuanom, ɛsɛ sɛ da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, efisɛ mo gyidi ne ɔdɔ a modɔ afoforo no mu den ara na ɛreyɛ.
Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛnea me mpanyimfo yɛe no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaebɔ mu.
minnyaee aseda a mede ma Onyankopɔn wɔ mo ho no da. Mekae mo wɔ me mpaebɔ mu,
Momma yɛnna so ase, efisɛ yɛanya ahenni a wɔwosow no a ɛnyɛ yiye. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɔkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ nidi ne osuro so nsom no,
Baabiara a yɛwɔ no yɛka eyi ho asɛm na yɛn ani sɔ nea woayɛ ama yɛn no da wo ase papaapa.
Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!" Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.
Wɔn mu baako huu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsan nʼakyi de ahurusi yii Onyankopɔn ayɛ se, "Anuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!" Ɔbɛkotow Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani.
Yesu bisae se, "Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he? Adɛn nti na ɔmamfrani yi nko na wasan aba sɛ ɔrebeyi Onyankopɔn ayɛ?" Yesu ka kyerɛɛ no se, "Sɔre kɔ, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den."
Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafo du bi a na wogyinagyina kurotia no huu no teɛteɛɛ mu se, "Yesu, yɛn wura, hu yɛn mmɔbɔ!"
Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!" Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.
Wɔn mu baako huu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsan nʼakyi de ahurusi yii Onyankopɔn ayɛ se, "Anuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!" Ɔbɛkotow Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani.
Yesu bisae se, "Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he? Adɛn nti na ɔmamfrani yi nko na wasan aba sɛ ɔrebeyi Onyankopɔn ayɛ?" Yesu ka kyerɛɛ no se, "Sɔre kɔ, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den."
Paulo Mpaebɔ
Bere biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase.