Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 118

1 Monna Awurade ase efisɛ oye,

na nʼadɔe daa.

2 Momma Israel nka se,

"Nʼadɔe daa."

3 Momma Aaronfi nka se,

"Nʼadɔe daa."

4 Momma wɔn a wosuro Awurade nka se,

"Nʼadɔe daa."

5 Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade;

ogyee me so, na ɔma me dee me ho.

6 Awurade ne me boafo; enti merensuro.

Dɛn na onipa betumi ayɛ me?

7 Awurade ne me ; ɔyɛ me boafo.

Mede nkonimdi bɛhwɛ mʼatamfo.

8 Eye yebehintaw Awurade mu,

sen yɛde yɛn ho bɛto onipa so.

9 Eye yebehintaw Awurade mu,

sen yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.

10 Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiae,

nanso Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.

11 Wotwaa me ho hyiaa baabiara,

nanso Awurade din mu, mitwitwaa wɔn gui.

12 Wɔkyere guu me so nnowa,

nanso wɔhyew ntɛm so nsɔe a ogya atɔ mu;

Awurade din mu mitwitwaa wɔn gui.

13 Wosum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase,

nanso Awurade boaa me.

14 Awurade mʼahoɔden ne me bammɔ;

wayɛ me nkwagye.

15 Osebɔ ne nkonimdi

gyigye atreneefo ntamadan mu se,

"Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!

16 Wɔama Awurade nsa nifa so;

Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!"

17 Merenwu, mmom mɛtena ase

na mapae mu aka nea Awurade ayɛ.

18 Awurade atwe mʼaso dennen,

nanso onyaa me mmaa owu ɛ.

19 Bue trenee apon ma me;

na mɛhyɛn mu na mede aseda ama Awurade.

20 Awurade ponkɛse ni;

ɛhɔ na atreneefo bɛfa ahyɛn mu.

21 Mɛda wo ase, efisɛ wugyee me so;

na woayɛ me nkwagye.

22 Ɔbo a adansifo no poe no,

abɛyɛ tweatibo.

23 Awurade na wayɛ eyi,

na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so.

24 Nnɛ da a Awurade ayɛ.

Momma yɛn ani nnye na yenni ahurusi.

25 Awurade, gye yɛn nkwa;

Awurade, ma yɛn nkonimdi.

26 Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba.

Yehyira wo fi Awurade fi.

27 Awurade Onyankopɔn,

na wama ne hann ahyerɛn yɛn so.

Momfa nnua mman nkura na yɛnto afɔrebɔ santen

nkɔ afɔremuka no mmɛn ho.

28 Woyɛ me Nyankopɔn na meyi wo ayɛ;

wone me Nyankopɔn na mɛma wo so.

29 Monna Awurade ase, efisɛ oye;

na nʼadɔe daa.

Veja também