Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 24

Wodi Paulo Asɛm Felike Anim

1 Nnaanum akyi no, Ɔsɔfopanyin Anania ne mpanyimfo bi ne mmaranimfo bi a ne din de Tertulo kɔɔ Kaesarea. Woduu no, wɔkɔɔ Amrado Felike nkyɛn de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no too nʼanim. 2 Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro se, "Onuonyamfo! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa nti efi bere a wobaa yi, nsakrae pa pii aba yɛn man yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn. 3 Baabiara a yɛwɔ no yɛka eyi ho asɛm na yɛn ani nea woayɛ ama yɛn no da wo ase papaapa. 4 Mempɛ mesɛe wo bere enti mesrɛ wo nya bere tiaa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no.

5 "Yɛahu saa ɔbarima yi ɔmammɔfo a ɔde basabasayɛ ba Yudafo nyinaa mu. Ɔyɛ Nasarefo fekuw no mu panyin. 6 Ɔpɛɛ ogu asɔredan no ho fi. Ɛno nti yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn. 7 Nanso Ɔsahene Lisia begyee no fii yɛn nsam abran so, 8 hyɛɛ wommedi nʼasɛm wʼanim. wubisa no a, wo ara ankasa wubehu nsɛm a yɛreka afa ne ho no nyinaa nokware."

9 Yudafo no nso foaa nsɛm a wɔkaa no so se ɛyɛ nokware.

Paulo Yi Ne Ho Ano

10 Amrado no maa Paulo kwan onyi ne ho ano no, Paulo buae se, "Minim woyɛɛ ɔman yi so otemmufo akyɛ, ɛno nti migyina wʼanim reyi me ho ano a, minsuro. 11 Sɛnea ebia woate no bɛyɛ nnafua dumien ni na mekɔɔ Yerusalem asɔredan mu merekɔsom. 12 Yudafo a wɔde me baa ha yi anhu me me ne obi regye akyinnye asɔredan mu anaasɛ meretu nnipa aso hyiadan mu anaa ɔman no mu baabiara. 13 Saa ara nso na wɔrentumi nkyerɛ , nsɛm a wɔreka ato me so yi nyinaa nokware. 14 Nanso migye to mu menam Awurade asɛm a Yudafo yi kasa tia no so som yɛn Agyanom Nyankopɔn. Na migye nsɛm a wɔakyerɛw Mose mmara no ne adiyifo nhoma no mu no nso di. 15 Mewɔ anidaso a saa nnipa yi nso Onyankopɔn mu da bi, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afi owu mu no nso bi. 16 Eyi nti, da biara mebɔ mmɔden mede ahonim pa bɛbɔ me bra Onyankopɔn ne nnipa anim.

17 "Mfe bebree akyi a mifii Yerusalem no, mesan baa mede ayɛyɛde rebrɛ me nuanom na mabɔ afɔre. 18 Bere a madwira me ho awie na migu so rebɔ aseda afɔre asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi huu me. Na matwitwa me tinwi sɛnea mmara no kyerɛ no. Saa bere no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba. 19 Saa bere no, na Yudafo bi a wofi Asiaman mu . Wɔn na anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a ɛsɛ wɔka. 20 saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wogyina so buu me agyinatufo no anim a wɔnka. 21 Asɛm baako na migyina wɔn anim no mekae. Saa asɛm no ne , Gyidi a mewɔ awufosɔre no mu nti na migye di morebu me atɛn nnɛ.’ "

22 Felike a na onim saa Awurade asɛm no yiye no tuu asɛm no hyɛɛ da, kae se, "Ɔsahene Lisia ba a na medi wʼasɛm no." 23 Ɔhyɛɛ ɔsraani panyin a na ɔhwɛ Paulo so no ɔmma wɔnwɛn no, nanso wɔmma no ahotɔ kakra. Na ne nnamfonom de biribiara a ɛho hia no no rebrɛ no a, wɔmma ho kwan.

Paulo Gyina Felike Ne Drusila Anim

24 Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no bae. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Paulo brɛɛ no ma ɔbɛkaa gyidi a ɔwɔ Kristo Yesu mu no kyerɛɛ wɔn. 25 Paulo reka trenee, ahohyɛso ne atemmuda ho asɛm no, Felike suroe, enti ɔkae se, "! Akyiri no, minya adagyew a, mɛsoma abɛfrɛ wo." 26 Na Felike ani da so Paulo bɛma no sika na wagyaa no, ɛno nti na ɔma wɔtaa kɔfrɛ no ntiantia mu ba ne nkyɛn ne no nkɔmmɔ no.

27 Mfe abien akyi no Porkio Festo besii Felike anan mu amrado. Esiane na Felike ɔsɔ Yudafo no ani no nti, ogyaw Paulo afiase .

Veja também