Pular para o conteúdo
Publicidade

Bom ânimo

Por Bíblia Online

Tende bom ânimo! Jesus repetiu estas palavras aos seus discípulos em meio às tempestades. No mundo tereis aflições, mas Ele já venceu o mundo — e nos dá coragem para enfrentar tudo.

"Maka eyinom akyerɛ mo na moanya asomdwoe me mu. Mubehu amane wiase. Nanso munnyina pintinn! Madi wiase so nkonim!"

Mehyɛ wo , den na nnam! Nsuro, na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Nyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ."

Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafo no se, "Munnsuro na mommma mo aba mu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, efisɛ Awurade rebɛyɛ eyi atia mo atamfo nyinaa."

Enti nsuro, na mene wo ;

mma wo werɛ nhow, na mene wo Nyankopɔn.

Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo;

mede me trenee nsa nifa bɛma wo so.

Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso.

Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano.

Monyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam,

mo a mowɔ anidaso Awurade mu nyinaa.

Bere a misu frɛɛ wo no, wugyee me so;

woma minyaa akokoduru ne nnamyɛ.

Awurade ne me hann ne me nkwagye;

hena na minsuro no?

Awurade ne me nkwa ahoɔden,

na hena anim na me ho mpopo?

Ntɛm ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Ɛyɛ me. Munnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!"

Wɔn nyinaa huu no.

Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Munnsuro!"

Yesu ka kyerɛɛ no se, "Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe ."

Eyi nti, daa yɛwɔ akokoduru. Yenim mmere dodow a yɛwɔ saa nipadua yi mu no, ɛma yɛne Awurade fi kwan ware.

Afahyɛ no awiei no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyei, efisɛ na Awurade ne Dawid, Salomo ne nkurɔfo Israelfo adi no yiye.

"Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Munnsuro Asiriahene anaa nʼakofodɔm kɛse no, na yɛwɔ tumi a ɛso yɛn afa.

wʼaba mu gow ɔhaw mu a,

na wʼahoɔden sua!

Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ migye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ.

Eyi nti migye di yiye Onyankopɔn a ofii ase yɛɛ saa adwuma pa yi mo mu no bɛkɔ so de akosi da a Yesu Kristo bɛba no.

Ɛwɔ mu ebia ɛbɛba mprempren, esiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no nti, mo werɛ bɛhow de, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho.

Atreneefo nkwagye fi Awurade

ɔne wɔn aban amanehunu bere mu.

Efisɛ mepere hwehwɛ mehu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den. Nea mekyerɛ ne me ne mo nyinaa benya honhom mu ahoɔden bere koro mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidi mu den.

Esiane eyi nti, yɛn koma ntutu. Ɛwɔ mu yɛn nipadua no reporɔw nkakrankakra de, nanso yɛn honhom no de, ɛsesa foforo da biara.

Esiane saa nti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛnea mugu so reyɛ yi.

Enti yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran,

Na ɔman no buae se, "Yɛrempa Awurade akyi nkɔsom anyame foforo. Efisɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn na ogyee yɛn ne yɛn agyanom fii nkoasom mu Misraim. Ɔyɛɛ anwonwade akɛse yɛn anim. Na yɛfaa sare so yɛn atamfo mu no, ɔbɔɔ yɛn ho ban.

Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo," Awurade na ose, "Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa.

Seja o primeiro