Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 27

Paulo Roma

1 Wosii gyinae wiee yɛnkɔ Italia no, wɔde Paulo ne nneduafo bi hyɛɛ Yulio a ɔyɛ Roma asraafo panyin no nsa. 2 Yɛkɔtenaa hyɛn bi a ɛrekɔ Asia fam no mu Adramitio. Na Makedoniani Aristarko a ofi Tesalonika no ka yɛn ho.

3 Ade kyee no, yekoduu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔe ma ɔkɔsraa ne nnamfo ma wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no. 4 Esiane yetuu no na mframa hyia yɛn no nti yɛka kɔɔ Kipro nifa fam. 5 Yɛnam po so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia koduu Mira a ɛwɔ Likia mantam mu no mu. 6 Ɛhɔ na asraafo panyin no huu hyɛn bi a efi Aleksandria rekɔ Italia. Enti ɔde yɛn kɔtenaa mu. 7 Hyɛn no kɔɔ brɛoo enti yedii nna po no so. Yɛbrɛɛ ansa na yɛredu Knido. Esiane na mframa hyia yɛn no nti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam. 8 Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kosii yɛde ɔbrɛ beduu baabi a wɔfrɛ Hyɛn Agyinae a ɛbɛn kurow Lasea.

9 Na yɛasɛe mmere pii, na saa bere no nso po no sofa hu efisɛ na ɛyɛ Mpata Da akyi. Paulo tuu wɔn fo se, 10 "Anuanom, mihu , yɛtoa yɛn akwantu yi so a, yebehu amane ama ebia hyɛn no abɔ ama emu nneɛma asɛe ama nnipa ahwere wɔn nkwa." 11 Nanso asraafo panyin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom otiee nsɛm a hyɛnkafo no ne hyɛn no wura kae no. 12 Esiane na hyɛngyinabea nye mma wɔbɛtena awɔwbere mu no nti nnipa no bebree pɛe , ebetumi a anka hyɛn no betu afi akɔ Foinike. Foinike hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafo ntam Atɔe fam. Ɛyɛ baabi a wobetumi atena awɔwbere mu.

Po So Mframa A Ɛyɛ Den No

13 Mframa a ano nyɛ den fii anafo fam no, nnipa no susuw wobetumi atoa wɔn akwantu no so sɛnea wɔahyehyɛ no. Enti wotuu sɛkyɛ no de hyɛn no faa Kreta mpoano. 14 Ankyɛ koraa na mframa kɛse bi a wɔfrɛ no "Apueitifi Mframa" fii supɔw no so. 15 Mframa no bunkam faa yɛn hyɛn no so twee no kɔɔ po no mu. Yɛbɔɔ mmɔden yɛbɛdan hyɛn no ani na anyɛ yiye no, yegyae maa mframa no twee no kɔe. 16 Yeduu supɔw ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ho a na ɛhɔ mframa ano nyɛ den mpo no, yɛbrɛɛ ansa na yɛretumi atwe hyɛn no korow a ɛsɛn akyi no aba mu. 17 Hyɛn no mu nnwumayɛfo no maa so baa hyɛn no mu bɛkyekyeree no denneennen. Esiane na wosuro wɔbɛkɔ akɔka nwea mu nti, woyiyii hyɛn dua no so ntama maa mframa no bɔɔ hyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ. 18 Mframahweam no kɔɔ so bɔe; ɛno nti ade kyee no woyiyii hyɛn no mu nneɛma no bi tow guu po no mu. 19 Ne nnansa so no, wɔsesaw hyɛn no ho nneɛma no bi tow gui. 20 Nna bebree twaa mu a na yenhu owia anaa nsoromma a na mframahweam no gu so retu. Eyi maa yɛn anidaso nyinaa sae.

Paulo Kyekye Wɔn Werɛ

21 Nna bebree twaa mu a na obiara nnidi no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, "Anuanom, mutiee me na yɛantu amfi Kreta a anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi. 22 Nanso momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ mo mu biara renwu na mmom, hyɛn no na ɛbɛbɔ. 23 Nnɛra anadwo, Onyankopɔn a mesom no no bɔfo baa me nkyɛn 24 bɛka kyerɛɛ me se, Paulo, nsuro! Nea ɛbɛyɛ biara wubedu Kaesare anim ama wɔadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom nti, biribiara renyɛ wɔn.25 Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ migye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ. 26 Nanso nea ɛbɛyɛ biara no hyɛn no bɛbɔ supɔw bi mpoano."

Hyɛn No

27 Ne nnaawɔtwe abien anadwo no a na mframahweam no nti hyɛn no redi akɔneaba Adria po so no, ɔdasu mu na hyɛn no mu adwumayɛfo huu yɛrebɛn asase. 28 Wɔtoo susuhama huu asu no mu tenten anammɔn ɔha ne aduonu. Ɛyɛɛ kakra a wosusuw bio no, wohuu ɛyɛ anammɔn aduɔkron. 29 Esiane na wosuro anyɛ a hyɛn no bɛpem ɔbotan bi nti wɔtoo sɛkyɛ anan hyɛn no akyi twɛn kosii adekyee. 30 Hyɛn no mu nnwumayɛfo pɛɛ woguan. Enti wogyaw hyɛn no korow no sii po no ani boapa yɛɛ sɛnea wɔrekɔto sɛkyɛ hyɛn no anim. 31 Paulo ka kyerɛɛ asraafo panyin no ne asraafo a wɔka ne ho no se, "hyɛn yi mu nnwumayɛfo no guan a, mubewuwu." 32 Eyi nti asraafo no twaa hama a ɛkyekye hyɛn no korow no mu no ma ɛkɔe.

33 Ade reyɛ akye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa se wonnidi. Nea ɔkae ne , "Nnaawɔtwe abien ni, mo mu biara mfaa aduan nkaa nʼano. 34 Mesrɛ mo, obiara nnidi sɛnea ɛbɛyɛ a, mubenya ahoɔden. Biribiara renyɛ obiara." 35 Paulo kasa wiei no, ɔfaa brodo bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim na obuu bi dii. 36 Amono mu ara wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam ma wofii ase didii. 37 Nnipa a na yɛwɔ hyɛn no mu no dodow ahannu ne aduɔson asia. 38 Obiara didi mee no, hyɛn no mu nnwumayɛfo no tow aburow a ɛwɔ hyɛn no mu no guu po no mu maa hyɛn no mu yɛɛ hare.

39 Ade kyee no, hyɛn no mu nnwumayɛfo no anhu wɔadu mpoano. Wohuu faako a po no adidi akɔ asase no mu a nsu taa . Enti wɔyɛɛ wɔn adwene wɔbɛka hyɛn no akɔ ama akɔka. 40 Ɛno nti wotwitwaa hyɛn no sɛkyɛ ahama no mu maa sɛkyɛ no guu po mu. Afei wɔsansan hama a ekura akwankyerɛde no mu na afei wosii ntama a ɛwɔ hyɛn no anim no sɛnea ɛbɛyɛ a mframa betumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano. 41 Nanso ɛhyɛn no kɔpem nweatam bi ma ɛkae. Hyɛn no anim kaa denneennen na asorɔkye a na ɛrebɔ no maa akyi no nso bubui.

42 Asraafo no yɛɛ wɔn adwene wobekunkum nneduafo no27.42 Sɛ odeduani bi guan a, wɔde ne sohwɛfo no nkwa si nʼanan mu. Enti na asraafo no nnyaagyaa wɔn ho na amma odeduani bi anguan. nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara rennya kwan nguan. 43 Nanso esiane na asraafo panyin no ogye Paulo nkwa no nti wamma wɔn ho kwan. Mmom, ɔhyɛɛ wɔn a wobetumi aguare no mfi ase nguare nkɔ mpoano. 44 Wɔn a wɔaka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasin a abubu fi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa ɔkwan yi so na yɛnam beduu mpoano nohɔ dwoodwoo.

Veja também