Buscar a Deus
Buscar a Deus é o chamado mais urgente da Bíblia. Buscai primeiro o Reino de Deus. Os que buscam de todo coração encontram — porque Ele se deixa encontrar pelos que o procuram.
Buscai ao Senhor
Buscai ao Senhor enquanto se pode achar. Buscai e achareis. O Senhor recompensa os que o buscam com diligência.
Monhwehwɛ Awurade bere a mubehu no.
Momfrɛ no bere a ɔbɛn.
Monhwehwɛ Awurade bere a mubehu no.
Momfrɛ no bere a ɔbɛn.
Atemmu Ne Nkwagye
"Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase;
wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me.
Ɔman a wonsu mfrɛ me no,
meka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mini, Mini.’
Ɔma nea watɔ beraw ahoɔden
nea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so.
Mpo, mmabun brɛ, na wɔtɔ beraw,
na mmerante hintihintiw hwehwe ase;
Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so
benya ahoɔden foforo.
Wɔde ntaban sɛ akɔre de betu akɔ wim;
wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw.
Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.
Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;
na monhwehwɛ nʼanim bere biara.
Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;
na monhwehwɛ nʼanim bere biara.
"Afei, me ba Salomo, hu wʼagyanom Nyankopɔn. Fa wo koma ne wʼadwene nyinaa sɔre no, na som no. Efisɛ Awurade hu koma biara mu, enti ohu na onim emu nhyehyɛe ne nsusuwii biara. Sɛ wohwehwɛ no a, wubehu no. Na sɛ wopo no a, ɔbɛpo wo afebɔɔ.
Na sɛ me nkurɔfo a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpae, ahwehwɛ me, na wɔadan afi wɔn amumɔyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yare.
na opue kohyiaa ɔhene Asa a ofi akono reba no. Ɔteɛɛ mu guu Asa so se, "Tie me, Asa, Yudamanfo nyinaa ne Benyamin muntie. Mmere dodow a mo ne Awurade te no, ɔno nso ne mo bɛtena. Bere biara a mobɛhwehwɛ no no, mubehu no. Nanso sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo.
Asa Hyehyɛ Nyamesom Foforo
Na Onyankopɔn honhom baa Oded babarima Asaria so, na opue kohyiaa ɔhene Asa a ofi akono reba no. Ɔteɛɛ mu guu Asa so se, "Tie me, Asa, Yudamanfo nyinaa ne Benyamin muntie. Mmere dodow a mo ne Awurade te no, ɔno nso ne mo bɛtena. Bere biara a mobɛhwehwɛ no no, mubehu no. Nanso sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo. Teteete no, na Israel nni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, na wonni Onyankopɔn mmara nso. Nanso bere biara a mobɛkɔ ahohia mu na mobɛkɔ Awurade Israel Nyankopɔn nkyɛn, na moahwehwɛ no no, muhuu no. Saa esum bere no mu, na akwantu yɛ hu. Na ɔhaw wɔ ɔman no afanan nyinaa. Akodi baa ɔman ne ɔman ntam, kuropɔn ne kuropɔn ntam, efisɛ Awurade maa ɔhaw ahorow bebree baa mo so. Na afei, mo Yuda mmarima, mo ho nyɛ den, munnya akokoduru, na mubenya mo adwumayɛ so akatua."
Bere a Asa tee saa asɛm yi fii odiyifo Asaria nkyɛn no, onyaa akokoduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkurow a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔw nsase so no so. Osiesiee Awurade afɔremuka a na esi Awurade Asɔredan ntwironoo anim no.
Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wofi Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa bere so, efisɛ wohuu sɛ Awurade, ne Nyankopɔn, ka ne ho.
Ɛrekɔ ɔsram a ɛto so abiɛsa awiei no mu a na Asa adi ade mfe dunum no, nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Saa da no, wɔde mmoa a wɔkyekyeree wɔn ɔko mu no bi bɔɔ Awurade afɔre. Na mmoa no dodow yɛ anantwi ahanson a nguan ne mmirekyi nso dodow yɛ mpem ason. Afei, wofi wɔn koma ne wɔn kra nyinaa mu yɛɛ apam sɛ wɔbɛhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn. Wɔpenee so se, obiara a ɔbɛpo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, wobekum no, sɛ onnyinii anaa wanyin, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea. Wɔhyɛn ntorobɛnto ne mmɛn denneennen, de dii Awurade nokwaredi ntam no ho adanse. Wɔn nyinaa ani gyee saa apam yi ho, efisɛ wofi wɔn koma nyinaa mu na ɛyɛe. Wɔpere hwehwɛɛ Onyankopɔn, na wohuu no. Na Awurade maa wɔn ahomegye fii wɔn atamfo a wɔwɔ afanan nyinaa nsam.
Mpo ɔhene Asa tuu ne nena baa Maaka fii ahemmeagua no so, efisɛ osii Asera nnua a ɛyɛ atantanne. Otwaa dua no, bubuu mu, hyew no wɔ Kidron bon mu. Ɛwɔ mu sɛ wɔantutu abosonsom nsɔre so no nyinaa amfi Israel de, nanso Asa de ne ho nyinaa maa Awurade ne nkwanna nyinaa. Ɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nneɛma ahorow a ɔne nʼagya de maa Awurade no baa Onyankopɔn Asɔredan no mu.
Enti ɔko ansi bio kosii Asa adedi afe a ɛto so aduasa anum no so.
De todo o coração
Buscar-me-eis e me achareis quando me buscardes de todo o coração. O Senhor é bom para os que o buscam.
Mobɛhwehwɛ me na mubehu me, sɛ mode mo koma nyinaa hwehwɛ me a.
Mobɛhwehwɛ me na mubehu me, sɛ mode mo koma nyinaa hwehwɛ me a.
"Na mʼasɛm nte sɛ ogya," Awurade na ose, "ɛnte sɛ asae a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete ana?
Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ Awurade, mo Nyankopɔn no. Na sɛ mode mo koma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mubehu no.
Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛde,
na wofi wɔn koma nyinaa mu hwehwɛ no.
Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛde,
na wofi wɔn koma nyinaa mu hwehwɛ no.
Mede me koma nyinaa hwehwɛ wo;
mma me mman mfi wo mmara nsɛm ho.
Awerɛhow ama me kra atɔ beraw;
hyɛ me den sɛnea wʼasɛm no kyerɛ.
Mede ahofadi bɛnantew,
efisɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ.
Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden no so;
na monhwehwɛ nʼanim bere biara.
Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden no so;
na monhwehwɛ nʼanim bere biara.
Me koma ka wɔ wo ho se, "Hwehwɛ nʼanim!"
Wʼanim, Awurade na mɛhwehwɛ.
Wo, Onyankopɔn, ne me Nyankopɔn
Mehwehwɛ wo anibere so;
wo ho sukɔm de me kra,
me nipadua ani agyina wo,
wɔ asase a awo na asade nni mu so,
faako a nsu nni.
Buscar e encontrar
Pedi e dar-se-vos-á. O Senhor está perto de todos os que o invocam em verdade. Quem o busca não ficará insatisfeito.
Bisa, Hwehwɛ, Pem
"Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo.
"Ɛno nti mereka akyerɛ mo se; Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mubehu; mompem na wobebue mo. Na obiara a obisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.
"Ɛno nti mereka akyerɛ mo se; Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mubehu; mompem na wobebue mo.
Enti monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni kan na ɔde eyinom nyinaa bɛma mo.
Na mebae sɛ merebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na magye wɔn nkwa."
Wɔn a wonim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,
efisɛ, wo Awurade, wunnyaw obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.
Wɔn a wonim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,
efisɛ, wo Awurade, wunnyaw obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.
Mefrɛɛ Awurade na ogyee me so;
na ogyee me wɔ nea misuro nyinaa mu.
Gyata yɛ mmerɛw na ɔkɔm de wɔn,
nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, ade pa biara remmɔ wɔn.
Ma wʼani nnye wɔ Awurade mu
na wama wo nea wo koma pɛ.
Awurade fi ɔsoro hwɛ
adesamma wɔ fam
sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease,
anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
Awurade, woahwehwɛ me mu
na woahu me.
Wunim mʼasetena ne me sɔre;
wufi akyirikyiri hu mʼadwene mu.
Obenya Awurade nsam nhyira
ne bembu a efi ne Nkwagye Nyankopɔn.
Saa na awo ntoatoaso a wɔhwehwɛ Awurade no te
wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Yakob Nyankopɔn.
Força na busca
Buscai o bem e não o mal. Sede fortalecidos no Senhor. A busca por Deus traz renovação e plenitude de vida.
Nea Awurade ka kyerɛ Israelfo ni:
"Monhwehwɛ me na munnya nkwa;
Nea Awurade ka kyerɛ Israelfo ni:
"Monhwehwɛ me na munnya nkwa;
Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa
na ɛnyɛ bɔne.
Na Asafo Awurade Nyankopɔn bɛka wo ho,
sɛnea moka sɛ ɔyɛ no.
Mebɔ mpae sɛ omfi nʼanuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den,
Nyankopɔn Akode
Nea etwa to ne sɛ, monyɛ den wɔ ne tumi kɛse no mu.
Yɛrebɔ mpae nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma na moatumi de Awurade mu ahosɛpɛw ne boasetɔ agyina biribiara ano.
Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso.
Obiara a onni gyidi rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidi sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no no.
Obiara a onni gyidi rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidi sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no no.
Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mubenya tumi na moayɛ me nnansefo wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de kosi asase ano."
Awurade, Israel Nyankopɔn a woanya guankɔbea wɔ ne ntaban ase no nnom wo."
Amono mu hɔ ara, Awurade Honhom baa ne so wɔ ahoɔden mu, na ɔde ne nsa hunu waee gyata no abogye. Ɔwaee te sɛ nea ɔrewae abirekyi ba bi abogye. Nanso wanka nea ɔyɛe yi ankyerɛ nʼawofo.
Na Samson su frɛɛ Awurade se, "Otumfo Awurade, kae me bio. Onyankopɔn, mesrɛ wo ma me ahoɔden bio na mintua Filistifo so ka wɔ mʼani a wɔatutu no ho."
Eye sɛ yebehintaw wɔ Awurade mu,
sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa so.
Eye sɛ yebehintaw Awurade mu,
sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.
Nea wanya yere no anya ade pa
na onya adom fi Awurade hɔ.
Hu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ;
sɛ wunya a, wowɔ anidaso ma daakye,
na wʼanidaso renyɛ ɔkwa.