Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 14

Dawid dwom.

1 Ɔkwasea ka ne koma mu se,

"Onyankopɔn bi nni ."

Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe fi

na wɔn mu biara nni a ɔyɛ ade pa.

2 Awurade fi ɔsoro hwɛ

adesamma fam

obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease,

anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

Obiara nni a ɔyɛ papa.

Ɔbaako mpo nni .

4 Enti abɔnefo rensua nyansa ana?

Wɔwe me nkurɔfo te sɛnea nnipa di aduan.

Wonnsu mfrɛ Awurade?

5 Nanso wonni, ehu akyekyere wɔn,

efisɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔteɛ mu.

6 Mo nnebɔneyɛfo sɛe ahiafo nhyehyɛe,

nanso, Awurade ne wɔn guankɔbea.

7 Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra!

Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn.

Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!

Veja também