Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 65

Atemmu Ne Nkwagye

1 "Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase;

wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me.

Ɔman a wonsu mfrɛ me no,

meka kyerɛɛ wɔn se, Mini, Mini.

2 Da mu nyinaa, matrɛw me nsa mu ama

nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano,

a wɔnenam akwammɔne so,

na wodi wɔn ankasa nsusuwii akyi.

3 Nnipa a daa no woyi me ahi

mʼanim pɛɛ,

wɔbɔ afɔre nturo mu

na wɔhyew nnuhuam ntayaa afɔremuka so;

4 wɔn a wɔtenatena nna so

na anadwo wosii kokoa mu;

wɔwe mprakonam

na wɔn nkutu mu nkwan a wɔde nam a ɛho ntew ayɛ;

5 wɔka se, Mumfi ha; mommmɛn me,

efisɛ me ho tew dodo ma mo!

Saa nnipa yi wusiw me hwenem,

ogya a ɛkɔ so hyew da mu nyinaa.

6 "Hwɛ; wɔakyerɛw ato mʼanim se,

merenyɛ komm, metua so ka pɛpɛɛpɛ;

metua so ka agu wɔn asrɛ so,

7 mo ne mo agyanom bɔne nti,"

sɛɛ na Awurade se.

"Esiane wɔhyew afɔrebɔde mmepɔw so

na wotwirii me nkoko so nti

mesusuw bɔne a wɔyɛɛ kan no so akatua pɛpɛɛpɛ

agu wɔn asrɛ so."

8 Sɛɛ na Awurade se:

"Sɛnea wonya nsu fi bobe kasiaw mu,

na nnipa ka se, Monnsɛe no,

efisɛ ade pa bi da so muno

saa ara na mʼasomfo no nti mɛyɛ.

Merensɛe wɔn nyinaa.

9 Mede Yakob asefo bɛba,

na me mmepɔw no sodifo afi Yuda aba;

me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi wɔn ade,

na na mʼasomfo bɛtena.

10 Saron bɛyɛ nguankuw adidibea,

na Akor bon no ayɛ anantwikuw homebea

ama me nkurɔfo a wɔhwehwɛ me.

11 "Na mo a mo de mugyaw Awurade

na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no,

mo a moto pon ma Ahonya

na mohyɛ afrasa nkuruwa mu ma Nkrabea no,

12 mede mo bɛto afoa ano,

na mo nyinaa akotow ama wɔakum mo;

efisɛ mefrɛe nanso moannye so,

mekasae nanso moantie.

Moyɛɛ nea ɛyɛ mʼani so bɔne

na moyɛɛ nea mempɛ."

13 Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se:

"Mʼasomfo bedidi,

nanso ɔkɔm bɛde mo,

mʼasomfo bɛnom,

nanso osukɔm bɛde mo;

mʼasomfo ani begye,

nanso mo anim begu ase.

14 Mʼasomfo bɛto nnwom

afi koma mu anigye mu

na mobɛteɛ mu asu

afi mo koma ahoyeraw mu,

na mubetwa adwo afi honhom a ayɛ mmrɛw mu.

15 Wubegyaw din bi a ɛbɛyɛ mmusu

ama wɔn a mapaw wɔn;

Otumfo Awurade bekum wo

na nʼasomfo de, mɛma wɔn din foforo.

16 Obiara a ɔsrɛ nhyira asase no so no,

bɛyɛ nokware Nyankopɔn koro no mu;

obiara a ɔka ntam asase no so

bɛka no nokware Nyankopɔn koro no mu.

Na ɔhaw a atwa mu no wɔn werɛ befi

na wɔde behintaw me.

17 "Hwɛ! Mɛbɔ

ɔsorosoro foforo ne asase foforo.

Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio,

na ɛremma adwene mu nso.

18 Nanso momma mo ani nnye na munni ahurusi afebɔɔ

nea merebɛbɔ ho,

efisɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anigye,

na mu nnipa ayɛ anigye farebae.

19 Mɛsɛpɛw me ho Yerusalem mu,

na madi ahurusi me nkurɔfo ho.

Na wɔrente agyaadwo ne osu nnyigyei

mu bio.

20 "Ɛrensi bio mu

abofra a ne nkwanna kakraa bi,

anaa akwakoraa a onni ne mfe nwie;

nea odi mfe ɔha na owu no

wɔbɛfa no ɔbabun bi kɛkɛ;

na nea wannya mfe ɔha no

wɔbɛfa no wɔadome no.

21 Wobesisi afi na wɔatena mu,

wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.

22 Wɔrensisi afi mma afoforo mmɛtena mu bio,

na wɔrennua mma afoforo mmedi.

Na nna a dua di no,

saa ara na me nkurɔfo nna bɛyɛ;

me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi

wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛ.

23 Wɔremmrɛ ngu

na wɔrenwo mma a wɔn nkrabea nye;

efisɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn,

wɔne wɔn asefo.

24 Mebua wɔn ansa, mpo, na wɔafrɛ me.

Bere a wogu so rekasa no metie.

25 Pataku ne oguamma bedidi abɔ mu

gyata bɛwe sare nantwi,

nanso mfutuma bɛyɛ ɔwɔ aduan.

Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi

me bepɔw kronkron so nyinaa,"

sɛnea Awurade se ni.

Veja também