Pular para o conteúdo
Publicidade

Compaixão

Por Bíblia Online

A compaixão é o coração de Deus em ação. Ele é compassivo e misericordioso, tardio em irar-se e grande em amor. Somos chamados a refletir essa compaixão no mundo.

Sɛnea agya yam hyehyew no ne mma ho no,

saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wosuro no no;

Nanso wo, Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo Nyankopɔn,

wo bo kyɛ fuw, na wʼadɔe ne wo nokware dɔɔso.

Esiane wʼadɔe di mu sen nkwa nti

mʼanofafa bɛhyɛ wo anuonyam.

Awurade kɛse nti yɛnsɛee ɛ.

Nʼayamhyehye nni huammɔ.

Ɛyɛ foforo anɔpa biara;

wo nokwaredi kɛse.

"Ɛna werɛ betumi afi ne ba a otua nufu ano

a ɔrennya ayamhyehye mma ɔba a waturu no no ana?

Ebia ne werɛ befi,

na me werɛ remfi wo!

Hwɛ, makurukyerɛw wo din agu me nsa yam

wʼafasu mʼani so daa.

Nanso Awurade ɔdom mo;

ɔma ne ho so, kyerɛ wo nʼahummɔbɔ.

Efisɛ Awurade ɔtreneeni Nyankopɔn.

Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!

Hena na ɔte wo,

Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?

Wo a wode agyanom asefo nkae amumɔyɛ kyɛ wɔn.

Wʼabufuw ntena daa,

na mmom wʼani gye wobɛda mmɔborɔhunu adi.

"Mɛhyɛ Yudafi den

na magye Yosefi no nkwa.

Mede wɔn besi wɔn dedaw mu

efisɛ me yam hyehye me wɔn ho.

Wɔbɛyɛ te nea

mempoo wɔn mpo,

na mene Awurade wɔn Nyankopɔn,

na megye wɔn so.

"Sɛɛ na Asafo Awurade se, Mummu atɛn a ɛyɛ nokware na munnya ahummɔbɔ ne ayamhyehye mma mo ho mo ho. Monnhyɛ akunafo, ayisaa, ahɔho ne ahiafo so. Monnnwene bɔne mo koma mu mma mo ho mo ho.

Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Ɔpɛ mo asɛm nti na oyii mo ne de, enti monyɛ timmɔbɔ, ayamye, mommrɛ mo ho ase, munnwo na monyɛ abodwokyɛre.

Monyɛ ayamye mma mo ho mo ho, mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomso nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.

Papayɛ So Amanehunu

Nea etwa to, mo nyinaa montena ase asomdwoe mu. Munnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔbɔ, na mommrɛ mo ho ase.

obi ɔdefo na ohu biribi ho hia ne nua na wanhu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka se ɔdɔ Onyankopɔn ne koma mu?

Onyankopɔn Boa Yɛn

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekye nyinaa fi no no ase. Ɔkyekye yɛn werɛ yɛn amane nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekye a yɛn ankasa anya afi Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekye afoforo a wɔwɔ amane ahorow mu no werɛ.

Yenni Ɔsɔfopanyin bi a ontumi nhwɛ yɛn mmerɛwyɛ ho nhu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahorow nyinaa so yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne.

Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu.

Enti anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; muntie mʼafotu; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoe mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.

Seja o primeiro