Publicidade

Convicção

Por Bíblia Online

A convicção cristã é firmeza de fé que não se abala diante da oposição. É a certeza interior que compele a proclamar a verdade com ousadia, independentemente das consequências.

Ousadia para falar

Recebereis poder e sereis minhas testemunhas. A convicção do Espírito nos equipa para proclamar com coragem e sem vergonha.

Na Honhom Kronkron no ba mo so a, mobɛnya tumi na moayɛ mʼadansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria kɔsi asase ano."

Ɛyɛɛ agyinatufoɔ no ahodwirie Petro ne Yohane a wɔnsuaa nwoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasa akokoɔduru so saa. Wɔhunuu saa asomafoɔ yi ne Yesu nanteeɛ.

Petro ne asomafoɔ a wɔka ne ho no buaa wɔn , "Ɛsɛ yɛtie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa,

Mommɔ mpaeɛ mma me nso na mebue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoɔduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi. Seesei meyɛ ho ɔnanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno enti, mommɔ mpaeɛ mma me na matumi de akokoɔduru apae mu aka no sɛdeɛ ɛsɛ meka no.

Mʼani nwu Asɛmpa no ho, ɛfiri ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa nkwa; Yudafoɔ kane ɛnna amanamanmufoɔ no nso.

Na obiara a saa nna bɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no, aniwu ɛberɛ a me ne mʼabɔfoɔ kronkron no bɛsane aba mʼAgya animuonyam mu no."

Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu.

Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefoɔ nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmu wo abomfiaa.

Firmeza e confiança

Não temas diante dos homens. A Palavra de Deus é fogo na boca do profeta e firmeza na vida do crente.

Awurade ka kyerɛɛ me , "Nka meyɛ abɔfra.Ɛsɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo ka no.

Wo a wode asɛm pa reba Sion,

foro bepɔ tenten bi so.

Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,

ma wo nne so na team,

ma so, nsuro;

ka kyerɛ Yuda nkuro ,

"Mo Onyankopɔn nie!"

Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma

ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfoɔ den.

Ɔnyane me anɔpa biara,

na ɔbue mʼaso ma metie obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.

Mɛyɛ wo aniɔden te ɛboɔ, deɛ ɛyɛ den sene twerɛboɔ. Nsuro wɔn, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwom wɔyɛ atuatefoɔ deɛ."

Mɛka wʼahyɛdeɛ ho asɛm ahemfo anim

na mʼanim rengu ase,

Mommɔ ɔbra pa amanaman a mofra wɔn mu no mu, na wɔka mo ho nsɛm moyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, wɔahunu mo papa a moayɛ no nso, nam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛda a ɔbɛba no.

Onipa ho suro bɛtumi ayɛ afidie ama wo,

na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no, wɔbɛgye no.

Daa yɛka nokorɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ yɛn yɛnka no, ɛfiri , ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn yɛnka. Yɛmpɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom, Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ yɛsɔ.

"Mone ewiase kanea. Kuro a ɛda bepɔ so no ntumi nhinta. Wɔnsɔ kanea mfa nsie, na mmom, wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ efie no mu no nyinaa. Saa ara na momma mo nneyɛeɛ pa nna adi mma nnipa nhunu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no animuonyam.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-