Publicidade

Graça

Por Bíblia Online

A graça de Deus é favor imerecido. Pela graça somos salvos, pela graça vivemos, pela graça somos sustentados. É o dom mais precioso de Deus — dado a quem não merece.

Salvos pela graça

Pela graça sois salvos, mediante a fé, e isto não vem de vós — é dom de Deus. Não por obras, para que ninguém se glorie.

Ɛyɛ adom no enti na wɔnam gyidie so agye mo nkwa. Ɛmfiri mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ. Ɛmfiri nnwuma mu, na obi de ahoahoa ne ho.

Nanso, ɛsiane nʼadɔyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn enti, Onyankopɔn a nʼahummɔborɔ dɔɔso no maa yɛn nkwa Kristo mu, ɛberɛ a anka yɛawuwu amumuyɛ mu mpo; adom enti na wɔagye mo nkwa.

Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, nanso ɔnam Kristo adom nkwagyeɛ no so abu wɔn nyinaa bem kwa.

Nanso, wɔn baanu no nyinaa nyɛ , ɛfiri , Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde kyɛ kwa no nte Adam bɔne no. Ɛyɛ nokorɛ ɛsiane saa onipa baako no bɔne enti nnipa pii wuwuiɛ. Nanso, Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno enti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no.

enti sɛdeɛ bɔne di nnipa so de wɔn owuo mu no, saa ara na adom no nam tenenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn AWURADE mu bɛba.

Graça que capacita

A graça me basta, pois o poder se aperfeiçoa na fraqueza. Na graça, não estamos mais sob a lei, mas sob o favor de Deus.

Ɛnsɛ bɔne di mo so, ɛfiri monnhyɛ mmara ase, na mmom, mohyɛ adom ase.

Tenenee Nkoa

Ɛdeɛn bio? Esiane yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no enti, ɛsɛ yɛkɔ so bɔne anaa? Dabi!

Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no,

Onyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa. Na adom no kyerɛ yɛn , yɛmpa asetena a ɛho nteɛ no ne ewiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛsoɔ, kronnyɛ ne Onyamesuro mu ewiase ha.

Enti, monsi mo adwene pi na monni mo ho so. Monnyina yie ma momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so.

Na adom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ.

A graça de Deus

O Senhor é compassivo e gracioso, tardio em irar-se e grande em amor. Sua graça é nova a cada manhã.

Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne Awurade,

ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.

Yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi mʼakyi

me nkwa nna nyinaa;

na mɛtena Awurade fie

daa.

Ma Awurade yɛn Onyankopɔn adom no ntena yɛn so;

na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie mma yɛn

aane, yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie.

Ao Awurade, mefiri ebunu mu resu frɛ wo;

Ao Awurade tie me nne.

Wɛn wʼaso

ma me nkotosrɛ.

" Awurade nhyira mo

na ɔnhwɛ mo so.

Awurade nte nʼanim nkyerɛ mo

na ɔnnom mo.

Awurade mma nʼani so nhwɛ mo

na ɔmma mo asomdwoeɛ.

Nanso, Awurade ɔdom mo;

ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ.

Ɛfiri Awurade ɔteneneeni Onyankopɔn.

Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!

Viver pela graça

A graça de nosso Senhor Jesus Cristo esteja convosco. Perdoando e confessando, experimentamos a graça restauradora.

Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefoɔ nyinaa. Amen.

Awurade Kristo adom nka mo nyinaa.

Momma yɛnsi yɛn bo na yɛmmra) Onyankopɔn ahennwa a adom mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔborɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi maduru botaeɛ a ɛsi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no enti, mammu me kra adeɛ a ɛsom bo.

"Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ.

mode wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya de mo mfomsoɔ bɛkyɛ mo.

Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ,

na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae no nya ahummɔborɔ.

Hesekia Ahoboa Ma Twam Afahyɛ

Afei, ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔtwerɛɛ krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara ɔmmra Awurade Asɔredan no mu Yerusalem, na wɔnni Awurade, Israel Onyankopɔn, Twam Afahyɛ no. Ɔhene no, ne mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene wɔbɛdi Twam Afahyɛ no bosome a ɛtɔ so mmienu no mu. Na anka wɔdi Twam Afahyɛ no bosome ansa na bosome a ɛtɔ so mmienu ahyɛ aseɛ, nanso na asɔfoɔ no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfoɔ no nso, na wɔmmoaa wɔn ho ano Yerusalem. Adwene a wɔyɛeɛ wɔbɛdi Twam Afahyɛ no, na ɛyɛ ma ɔhene no ne ɔmanfoɔ no nyinaa. Enti, wɔbɔɔ no dawuro Israel nyinaa firi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Dan a ɛwɔ atifi fam , obiara mmra Yerusalem mmɛdi Awurade, Israel Onyankopɔn Twam Afahyɛ no bi. Na nnipa dodoɔ nni Twam Afahyɛ no sɛdeɛ mmara no kyerɛ.

Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel ne Yuda afanan nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka :

"Ao Israel manfoɔ, monsane mmra Awurade, Abraham, Isak ne Israel Onyankopɔn nkyɛn, sɛdeɛ ɔbɛsane aba yɛn mu, nnipa kakra a yɛanya yɛn tiri adidi mu Asiria ahemfo nkonim a wɔdii yɛn so no. Monnyɛ mo agyanom ne mo abusuafoɔ a wɔgyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, a wɔyɛɛ aseredeɛ sɛdeɛ mo ankasa mohunu yi. Monnyɛ asoɔden sɛdeɛ na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma Awurade. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi ade kronkron daa nyinaa. Monsom Awurade, mo Onyankopɔn, sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri mo so. Na mosane ba Awurade nkyɛn a, mo abusuafoɔ ne mo mma bɛnya ahummɔborɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wɔbɛtumi asane aba asase yi so. Ɛfiri , Awurade, mo Onyankopɔn ɔdɔ ne ahummɔborɔ. mosane ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfiri mo so."

Wɔdi Twam Afahyɛ No

Abɔfoɔ no kyinii nkuro a ɛwɔ Efraim ne Manase kɔsi Sebulon so. Nanso, nnipa no mu bebree seree abɔfoɔ no, dii wɔn ho fɛw. Nanso, wɔn a wɔfiri Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, na Onyankopɔn nsa nnipa a wɔwɔ Yuda so. Na ɛhyɛ wɔn wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ ɔsetie mma Awurade asɛm a ɛfiri ɔhene ne ne mpanimfoɔ no nkyɛn.

Enti, ɛdɔm kɛseɛ hyiaa Yerusalem bosome a ɛtɔ so mmienu no mu, wɔrebɛdi Twam Afahyɛ no ne Apiti Afahyɛ no. Wɔhyɛɛ aseɛ bubuu abosonsomfoɔ afɔrebukyia no nyinaa firii Yerusalem. Wɔyiyii nnuhwam afɔrebukyia nyinaa kɔto guu Kidron bɔnhwa mu.

Ɛda a wɔahyɛ bosome a ɛtɔ so mmienu no duruiɛ no, ɔmanfoɔ no kunkumm wɔn Twam Afahyɛ nnwammaa. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ani wuiɛ enti, wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa Awurade Asɔredan mu. Obiara kɔgyinaa nʼafa Asɔredan no mu, sɛdeɛ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no mmara no kyerɛ no. Lewifoɔ no de mogya afɔrebɔdeɛ no brɛɛ asɔfoɔ no, maa wɔn nso pete guu afɔrebukyia no so. Esiane na ɔmanfoɔ no mu bebree nnwiraa wɔn ho enti, Lewifoɔ no na wɔkunkumm wɔn Twam Afahyɛ nnwammaa no maa wɔn, nam so tee ho maa Awurade. Na wɔn a wɔfiri Efraim, Manase, Isakar ne Sebulon no mu fa kɛseɛ no ara nnwiraa wɔn ho. Nanso, ɔhene Hesekia bɔɔ mpaeɛ maa wɔn, na wɔmaa wɔn ɛkwan maa wɔdii Twam Afahyɛ aduane no bi a na anka ɛtia Onyankopɔn mmara. Hesekia bɔɔ mpaeɛ , "Awurade a ɔyɛ mmɔborɔhunufoɔ no mfa nnipa a wɔasi wɔn adwene pi wɔbɛdi Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn akyi no bɔne nkyɛ wɔn, mpo, wɔnnwiraa wɔn ho yie mmaa afahyɛ no a." Na Awurade tiee Hesekia na ɔsaa ɔmanfoɔ no yadeɛ.

Enti, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigyeɛ so. Ɛda biara, Lewifoɔ ne asɔfoɔ no too nnwom maa Awurade de nnwontodeɛ a ano den gyegyee ho.

Hesekia hyɛɛ Lewifoɔ no nkuran ɛkwan pa a wɔfa so som Awurade no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔmanfoɔ kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn.

Badwa no nyinaa yɛɛ wɔn adwene , wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigyeɛ toaa so nnawɔtwe. Ɔhene Hesekia maa ɔmanfoɔ no anantwinini apem ne nnwan mpem nson wɔmfa mmɔ afɔdeɛ, na mpanimfoɔ no nso maa anantwinini apem ne nnwan ɔpedu. Ɛberɛ korɔ no ara mu, asɔfoɔ no bebree dwiraa wɔn ho. Yuda badwa nyinaa a asɔfoɔ, Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri Israel asase so nyinaa, ananafoɔ a wɔbɛdii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyeeɛ. Anigyeɛ kɛseɛ baa kuropɔn no mu, ɛfiri , na Yerusalem nhunuu afahyɛ a ɛte sei bi da, ɛfiri Salomo ɔhene Dawid babarima berɛ so. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ sɔre hyiraa ɔmanfoɔ no, na Onyankopɔn tiee wɔn firi ne soro atenaeɛ kronkronbea .

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-