Publicidade

Intimidade com Deus

Por Bíblia Online

A intimidade com Deus é o maior privilégio do cristão. Ele nos convida a nos aproximar, a conhecê-lo profundamente e a desfrutar de comunhão diária com o Criador do universo.

Aproximar-se de Deus

Chegai-vos a Deus e Ele se chegará a vós. Deus deseja intimidade, não religiosidade. Ele busca os que o buscam de todo coração.

Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfoɔ! Monte mo akoma mu, mo a mo adwene ntanta!

Osukɔm Ho Ɔfrɛ

"Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,

mommra nsuo no ho;

na mo a monni sika,

mommra mmɛtɔ na monni!

Mommra mmɛtɔ nsã ne nufosuo

a monntua hwee.

Adɛn enti na mosɛe sika deɛ ɛnyɛ aduane ho

ne mo ahoɔden deɛ ɛmmee ho?

Montie, montie me na monni deɛ ɛyɛ,

na mo kra ani bɛgye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.

Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn;

montie me, na mo kra anya nkwa.

Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte daa,

me a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid no.

Hwɛ, mede no ayɛ adansedie ama nnipa no,

wɔn ɔkandifoɔ ne ɔsahene.

Ampa ara mobɛfrɛ aman a monnim wɔn,

na aman a wonnim mo no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn,

Awurade, mo Onyankopɔn enti,

Israel Ɔkronkronni no,

ɛfiri wahyɛ mo animuonyam."

Monhwehwɛ Awurade ɛberɛ a mobɛhunu no.

Momfrɛ no ɛberɛ a ɔbɛn.

Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me.

Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie.

Frɛ me na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nneɛma a ahinta a wonnim.

Menim nhyehyɛeɛ a mewɔ ma mo," Awurade na ɔseɛ, "Nhyehyɛeɛ a ɛde mo bɛsi yie na ɛrenha mo, nhyehyɛeɛ a ɛbɛma mo anidasoɔ ne awieeɛ pa.

Sede de Deus

Como a corça deseja as correntes de água, assim a minha alma suspira por ti, ó Deus. A intimidade nasce do desejo profundo.

Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no,

saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn.

Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no.

Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn?

Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn

Mehwehwɛ wo anibereɛ so;

wo ho sukɔm de me kra,

me onipadua ani agyina wo,

asase a awo na ɛserɛ nni so,

baabi a nsuo nnie.

Mahunu wo Kronkronbea

mahunu wo tumi ne wʼanimuonyam.

Esiane , wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti

mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam.

mete ase yi, mɛkamfo wo,

na wo din mu na mɛpagya me nsa.

Me ɔkra bɛmee sɛdeɛ wadi aduane papa bi;

mede anofafa a ɛto dwom bɛyi wo ayɛ.

Meda me mpa so a, mekae wo.

Anadwo dasuo mu nyinaa, medwene wo ho.

Ɛfiri , wone ne ɔboafoɔ,

wo ntaban ase nwunu mu na mɛto dwom.

Me kra bata wo ho;

na wo nsa nifa kura me mu.

Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe;

wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.

Wɔbɛdane wɔn ama akofena

na wɔbɛyɛ aduane ama sakraman.

Nanso ɔhene bɛdi ahurisie Onyankopɔn mu;

wɔn a wɔka ntam Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no,

na wɔbɛmua atorofoɔ ano.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Unidade com o Pai

Jesus orou pela unidade dos seus com o Pai. A intimidade com Deus inclui confissão, perdão e alegria na comunhão.

Mede animuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nso, wɔbɛyɛ baako sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako no. Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa bɛyɛ baako na ewiase ahunu , wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no

Awurade wo Onyankopɔn ne wo ,

Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ.

Nʼani bɛgye wo ho

ɔfiri ne mu bɛdwodwo wo,

ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.

yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛnte nyinaa ho.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-