Livramento
Deus é o grande Libertador. Através da Bíblia, vemos Deus livrando seu povo de inimigos, de perigos e da morte. Quem clama ao Senhor, Ele ouve e liberta.
Deus ouve e livra
Clamaram ao Senhor na sua tribulação, e Ele os livrou das suas angústias. O Senhor é refúgio e a salvação dos que nele confiam.
Ateneneefoɔ team su, na Awurade tie wɔn;
ɔyi wɔn firi wɔn haw nyinaa mu.
Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so;
mɛka ne ho wɔ amanehunu mu,
mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam.
Mɛse Awurade sɛ, "Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ,
me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ."
Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mu
ne owuyadeɛ mu.
Yɛn Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ɔgye nkwa;
na Awurade na ɔgye yɛn firi owuo mu.
Ɛfiri sɛ, woagye me afiri owuo mu,
woamma me nan ansunti,
sɛdeɛ mɛtumi anante Onyankopɔn anim
wɔ nkwa hann mu.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔto no sɛdeɛ wɔto "Mma Wɔnsɛe No."
Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani;
monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam.
Ao Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me;
Ao Awurade, bra ntɛm bɛboa me.
Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ
ɛberɛ a wɔhunu woɔ;
ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a,
ɛrenka no.
Livramento poderoso
Deus livrou Daniel dos leões, os jovens hebreus do fogo e Israel do Egito. Seu braço não é curto para salvar.
Sɛ wɔto yɛn gu fononoo a ogya redɛre wɔ mu no mu a, Onyankopɔn a yɛsom no no bɛgye yɛn. Nana, ɔbɛgye yɛn afiri wo tumi ase. Na sɛ ɛba sɛ wannye yɛn mpo a, Nana nte aseɛ sɛ, sɔre deɛ, yɛrensɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi hɔ no da biara da."
Ɔgyee me firii mʼatamfoɔ a wɔyɛ den nsam,
atamfoɔ a wɔkyiri me na wɔn ho yɛ den pa ara ma me.
Nanso, Eleasa ne Dawid gyinaa wɔn nan so wɔ afuo no mfimfini, bɔɔ Filistifoɔ guiɛ. Na Awurade maa wɔdii nkonim de gyee wɔn.
na sɛ moyɛ saa na wɔsu frɛ me a, mɛgye wɔn so.
Aane, na ɛfiri teteete no mene no.
Obiara rentumi nye mfiri me nsa mu
sɛ meyɛ biribi a, hwan na ɔbɛtumi adane no?"
Redenção e restauração
Todo aquele que invocar o nome do Senhor será salvo. Deus livra do pecado, da morte e de todo mal aqueles que se humilham diante dele.
Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, "Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa."
Afei, ɛdeɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’
na motwɛn ne Ba a ɔfiri ɔsoro no; Yesu a ɔnyanee no firii awufoɔ mu a ɔgye yɛn firi Onyankopɔn abufuo a ɛreba no mu no.
Na sɛ me nkurɔfoɔ a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpaeɛ, ahwehwɛ me, na wɔadane afiri wɔn amumuyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yadeɛ.
Na biribiara a mobɛbisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Agya no animuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. Biribiara a mode me din bɛbisa no, mɛyɛ ama mo."
Honhom Kronkron Ho Bɔhyɛ
"Sɛ modɔ me a, mobɛdi mʼahyɛdeɛ so. Mɛbisa Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokorɛ nyinaa adi no na ɔne mo atena daa.
Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfoɔ asɛm; na mmom ɔtie nnipa a wɔdi no ni na wɔyɛ nʼapɛdeɛ no.
Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfoɔ! Monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!
Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma a wɔbisa no no.
Sɛ ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ a, ɔbɛnya adom afiri ne hɔ,
ɔbɛhunu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛ ateam
na Onyankopɔn agye no bio sɛ ɔteneneeni.
Este artigo te tocou? Faça uma oração!
+581 estão orando agora.
Junte-se à corrente de oração.