Publicidade

Atos 22

1 "Anuanom ne agyanom, montie mʼanoyie yi."

2 Wɔtee ɔka Arameike no, wɔyɛɛ komm koraa.

Paulo toaa so , 3 "Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetee me Yerusalem Gamaliel nan ase. Mesuaa sɛdeɛ wɔdi Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ mo nyinaa nso reyɛ ɛnnɛ yi. 4 Metaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho no nyinaa ma wɔkunkumm wɔn. Mekyeree mmaa ne mmarima de wɔn guu afiase. 5 Ɔsɔfopanin ne agyinatufoɔ no nyinaa di me adanseɛ , asɛm a mereka yi nokorɛ. Wɔn nkyɛn mpo na megyee tumi nwoma mede rekɔma anuanom Yudafoɔ a wɔwɔ Damasko no. Saa nwoma no na anka mɛgyina so makyekyere nnipa a wɔdi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso.

6 "Owigyinaeɛ a mereyɛ maduru Damasko no, prɛko , hann bi twa faa me ho. 7 Metwa hwee fam, na metee nne bi a ɛrebisa me , Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me?

8 "Mebisaa , Ɛyɛ wo hwan, Awurade?

"Ɛnne no buaa me , Ɛyɛ me Nasareni Yesu a wotaa me no. 9 Nnipa a na wɔne me nam no hunuu hann no de, nanso wɔante nne a ɛkasa kyerɛɛ me no.

10 "Mebisaa , Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade?

"Awurade ka kyerɛɛ me , Sɔre na Damasko, na ɛhɔ na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ woyɛ. 11 Hann no hyerɛn ano den maa mʼani firaeɛ enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no sosɔɔ me nsa de me kɔɔ Damasko.

12 "Na Onipa bi a wɔfrɛ no Anania a ɔdi Mose mmara so a na Yudafoɔ nyinaa di no ni no te Damasko . 13 Ɔbaa me nkyɛn bɛkaa , Onua Saulo, hunu adeɛ bio!

14 "Ɔka kyerɛɛ me , Yɛn nananom Onyankopɔn ayi wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nʼapɛdeɛ na woahunu ɔteneneeni no, na wobɛte nʼankasa ne nne ɛkasa kyerɛ wo. 15 Wobɛdi adanseɛ afa biribiara a woahunu na woate Awurade ho no akyerɛ nnipa nyinaa. 16 Afei, ɛdeɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne Yesu din mu.

Wɔsoma Paulo Amanamanmufoɔ Nkyɛn

17 "Mesane mekɔɔ Yerusalem na merebɔ mpaeɛ asɔredan mu no, 18 mehunuu Awurade anisoadehunu mu na ɔka kyerɛɛ me , ntɛm firi Yerusalem ha, ɛfiri , nnipa a wɔwɔ ha no rentie adanseɛ a wodi fa me ho no.

19 "Mekaa , Awurade, wɔn nyinaa nim pefee mekɔɔ hyiadan mu kɔkyekyeree asuafoɔ, boroo wɔn. 20 Saa ara nso na ɛberɛ a wɔkumm wo danseni Stefano no, na mewɔ bi. Mepenee ne kum no so, hwɛɛ awudifoɔ no ntoma so.

21 "Awurade ka kyerɛɛ me , Sɔre na , ɛfiri , mɛsoma wo akɔ akyirikyiri, amanamanmufoɔ nkyɛn!’ "

22 Ɛberɛ a Paulo kaa wɔasoma no amanamanmufoɔ nkyɛn , ɛdɔm no hyɛɛ aseɛ teateaam denden , "Monkum no! Ɔmfata ɔtena ewiase!"

23 Nnipa no kɔɔ so teateaam, hugyaa wɔn ntoma, saa mfuturo, to petee ewiem. 24 Roma safohene no hyɛɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu, nkɔbɔ no mmaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka deɛ enti a nnipa no nyinaa mpɛ wɔtie nʼasɛm no. 25 Ɛberɛ a wɔkyekyeree no wieeɛ a wɔrebɛbɔ no mmaa no, Paulo bisaa ɔsraani panin a na ɔgyina no , "Mowɔ ho ɛkwan mobɔ Romani a wɔnnii nʼasɛm mmuu no no mmaa anaa?"

26 Ɛberɛ a ɔsraani panin no tee saa asɛm yi no, ɔkɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kɔbisaa no , "Ɛdeɛn na wopɛ woyɛ yi? Onipa no Romani!"

27 Afei, ɔsafohene no kɔɔ Paulo nkyɛn kɔbisaa no , "Woyɛ Romani anaa?"

Paulo buaa no , "Aane meyɛ Romani."

28 Ɔsafohene no kaa , "Metuaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma manbayɛ."

Paulo nso kaa , "Me de wɔwoo me Romani."

29 Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebɛbisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho firii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee Paulo Romani no, ɔsuroeɛ wama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn.

Paulo Gyina Asɛnniiɛ

30 Esiane na ɔsafohene no ɔhunu deɛ enti a Yudafoɔ no asɔre atia Paulo no enti, adeɛ kyeeɛ no, ɔhyɛ maa wɔyii Paulo firii nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɔmaa asɔfoɔ mpanin ne agyinatufoɔ no nyinaa hyiaeɛ. Afei, ɔde Paulo kɔeɛ wɔnhwehwɛ nʼasɛm no mu.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-