Mal
A existência do mal é realidade que a Bíblia confronta diretamente. Deus não é autor do mal, mas nos dá armas para vencê-lo e promete que o bem sempre prevalecerá.
Separar-se do mal
O temor do Senhor é aborrecer o mal. A Bíblia nos exorta a odiar o pecado, guardar os pés do mal e fugir de toda aparência maligna.
Sɛ wɔsuro Awurade ɛne sɛ wɔkyiri bɔne;
mekyiri ahantan ne ahomasoɔ,
ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.
Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyiri bɔne,
ɔbɔ ne nkurɔfoɔ a wɔyɛ nokwafoɔ no ho ban
na ɔgye wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam.
Twe wo ho firi bɔne ho, na yɛ papa;
hwehwɛ asomdwoeɛ na ti no.
Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
Mma bɔne biara nni me so.
"Monnwira mo ho na mo ho nte.
Monnyi mo nnebɔne mfiri mʼani so!
Monnyae bɔne yɛ.
Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔ
suro Awurade na kyiri bɔne.
Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipadua
na ayɛ aduane ama wo nnompe.
Vencer o mal com o bem
Não te deixes vencer do mal, mas vence o mal com o bem. A luz brilha nas trevas, e as trevas não prevalecem contra ela.
Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.
Onuadɔ
Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokorɛ turodoo. Monkyiri amumuyɛ. Mommata deɛ ɛyɛ ho.
Anuanom, metu mo fo sɛ, monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforɔ gyidie na wɔtia nkyerɛkyerɛ a moanya no yie; montwe mo ho mfiri wɔn ho.
Hann no hyerɛn wɔ esum mu a esum no ntumi nni hann no so.
Monhwɛ sɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Ɛberɛ biara, momma ɛnyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara.
Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa deɛ ɛyɛ. Na monkyiri bɔne biara.
Proteção contra o mal
Deus nos livra do mal e guarda nossos passos. Devemos nos revestir da armadura de Deus para resistir às forças das trevas.
Mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.
Na yi yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.’
Memmisa wo sɛ yi wɔn firi ewiase, na mmom, mesrɛ sɛ, bɔ wɔn ho ban firi ɔbonsam nsam.
Awurade bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho,
ɔbɛhwɛ wo nkwa so;
Awurade bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so,
seesei ne daa.
Na Awurade bɛgye me afiri bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahennie no mu asomdwoeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no daadaa. Amen.
Monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛeɛ ano.
Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom, yɛne mpaninnie ne tumidie ne ewiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya.
Sɛ wo bo fu a, nyɛ bɔne mma awia nkɔtɔ wʼabufuo so. Mma ɔbonsam kwan.
Deus transforma o mal em bem
O que o mal pretendeu contra nós, Deus transformou em bem. Ele tira pureza da aflição e confessa a restauração dos arrependidos.
Ɛwom sɛ moyɛɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ me bɔne deɛ, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ, ɛbɛdane ade pa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi agye nnipa dodoɔ nkwa, sɛdeɛ ɔreyɛ no ɛnnɛ yi.
Ɛno enti, montwe mo ho mfiri afideɛ ne atirimuɔden ho. Momfa mo ho mma Onyankopɔn na monnye asɛm a ɔdua wɔ mo akoma mu a ɛbɛgye mo nkwa no.
Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛnte nyinaa ho.
Ɔtoaa so sɛ, "Deɛ ɛfiri onipa mu ba no na ɛgu ne ho fi. Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie, adifudepɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibereɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim."
Ɔtan hwanyan mpaapaemu,
nanso ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.
"Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ, ‘Mommu atɛn a ɛyɛ nokorɛ na monnya ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ mma mo ho mo ho. Monnhyɛ akunafoɔ, nwisiaa, ahɔhoɔ ne ahiafoɔ so. Monnnwene bɔne mo akoma mu mma mo ho mo ho.’
Este artigo te tocou? Faça uma oração!
+581 estão orando agora.
Junte-se à corrente de oração.