Morte de Jesus
A morte de Jesus é o sacrifício supremo do amor de Deus. Na cruz, o Cordeiro de Deus carregou os pecados do mundo, satisfez a justiça divina e abriu o caminho da salvação para todos.
O sacrifício na cruz
Jesus disse: 'Está consumado!' Na cruz, Ele cumpriu toda a lei, pagou o preço do pecado e reconciliou a humanidade com Deus.
Saa ɛberɛ no, Yesu hunuiɛ sɛ afei deɛ biribiara aba nʼawieeɛ, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm no bɛba mu no enti, ɔkaa sɛ, "Osukɔm de me." Wɔde sapɔ a ɛtua hisope ano bɔɔ nsã a emu keka mu de kaa nʼano. Yesu nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ, "Mawie!" Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔsii ne ti ase na ɔgyaee ne honhom mu.
Asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu wieeɛ no, wɔkyɛɛ ne ntadeɛ mu maa asraafoɔ ɛnan no. Na saa atadeɛ no yɛ atadeɛ bi a, wɔanwono firi ne ɔsoro kɔsi ne fam a ɛnni mpameeɛ.
Asraafoɔ no nyinaa kaa sɛ, "Mommma yɛnntete mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yɛnhunu onipa a ɔbɛnya."
Adeɛ a wɔyɛeɛ yi sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm a ɛka sɛ,
"Wɔkyekyɛɛ me ntadeɛ mu,
bɔɔ so ntonto faeɛ" no bɛba mu.
Deɛ asraafoɔ no yɛeɛ ne no.
Nnipa a na wɔgyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne maame, ne maame nuabaa, Maria, a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, "Ɔbaa, wo ba nie." Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no sɛ, "Wo maame nie." Ɛfiri saa ɛberɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ.
Wɔduruu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfoɔ baanu no asɛnnua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum. Yesu kaa sɛ, "Agya, fa kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnnim deɛ wɔreyɛ." Afei, asraafoɔ no kyekyɛɛ ne ntadeɛ mu bɔɔ so ntonto faeɛ.
Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafoɔ mpanimfoɔ no dii ne ho fɛw sɛ, "Ɔgyee ebinom nkwa; sɛ ɔse ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, ɔnnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ."
Asraafoɔ no nso dii ne ho fɛw de nsã a ɛkeka bi brɛɛ no kaa sɛ, "Sɛ wone Yudafoɔ ɔhene no a, gye wo ho nkwa."
Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so sɛ,
Yudafoɔ Ɔhene no ni.
Nnebɔneyɛfoɔ baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛ sɛ, "Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso."
Nanso, ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔka ho no, kaa nʼanim sɛ, "Wonsuro Onyankopɔn? Hunu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbuo korɔ no ara mu. Yɛn deɛ, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na yei deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara."
Ɔsane kaa sɛ, "Yesu, woduru wʼAhennie mu a, kae me."
Yesu buaa no sɛ, "Merehyɛ wo bɔ sɛ, ɛnnɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise."
Ɛfiri owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmiɛnsa no, esum duruu asase no so nyinaa. Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ, "Eli, Eli, lama sabaktani?" Ase ne sɛ, "Me Onyankopɔn, Me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?"
Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam. Asase wosoeɛ. Abotan mu paapaeɛ. Adamena so buebueeɛ maa ateneneefoɔ a wɔawuwuo nyanenyaneeɛ. Yesu wusɔreɛ akyi no, wɔfifirii wɔn adamena mu kɔɔ Yerusalem, kɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.
Asraafoɔ a wɔwɔ hɔ no hunuu asase wosoɔ ne nsɛm a ɛsisii hɔ no, wɔn akoma tuu yie, ma wɔkaa sɛ, "Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba."
Nanso, yɛn mmarato enti na wɔpiraa noɔ,
yɛn amumuyɛ enti na wɔdwerɛɛ no;
asotwe a ɛde asomdwoeɛ brɛɛ yɛn no daa no so,
na nʼapirakuro mu na yɛnya ayaresa.
Yɛn nyinaa ayera yera te sɛ nnwan,
yɛn mu biara afa ne kwan;
na Awurade de yɛn nyinaa
amumuyɛ asoa.
Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no aniɛyaa,
nanso wammue nʼano;
wɔde no kɔɔeɛ te sɛ odwammaa a wɔrekɔku no.
Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no,
saa ara na wammue nʼano.
Nkraman atwa me ho ahyia
nnebɔneyɛfoɔ kuo atwa me ho ahyia,
wɔahwire me nsa ne me nan mu.
Mɛtumi akan me nnompe nyinaa;
Mʼatamfoɔ di me nhwɛhaa na wɔsere me.
Wɔkyɛ me atadeɛ mu fa,
na wɔbɔ me ntoma so ntonto.
Obiara a ɔhunu me di me ho fɛw;
wɔtwa me adapaa, woso wɔn ti ka sɛ:
"Ɔde ne ho to Awurade so;
ma Awurade mmɛgye no.
Ma ɔmmɛboa no,
ɛfiri sɛ ɔwɔ ne mu anigyeɛ."
O amor que se entrega
Ninguém tem maior amor do que aquele que dá a vida pelos amigos. Deus prova seu amor em que Cristo morreu por nós quando ainda éramos pecadores.
Ɔdɔ biara nsene sɛ obi bɛwu ama ne nnamfonom.
"Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ.
Na sɛ ɛberɛ a yɛyɛ atamfoɔ mpo Onyankopɔn de ne Ba no wuo yɛɛ mpatadeɛ maa yɛn a, saa mmerɛ yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi deɛ, yɛnim sɛ ɔnam ne Ba no so bɛgye yɛn nkwa.
Yei na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔdɔ teɛ. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom.
Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho mpata na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne.
Ɔbrɛɛ ne ho ase,
yɛɛ ɔsetie,
de kɔduruu owuo mu,
asɛnnua ho owuo mu mpo.
Morte e ressurreição
Jesus morreu e ressuscitou, e a morte não mais tem domínio sobre Ele. Pelo batismo, participamos de sua morte e ressurreição.
Ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ wɔanyane Kristo afiri owuo mu na ɔrenwu bio. Owuo nni ne so tumi bio. Owuo a ɔwuiɛ no, ɔwuu prɛko maa bɔne, na ase a ɔte yi, ɔte ase ma Onyankopɔn.
Anaa monnim sɛ ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wuo mu? Ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu no, yɛwuiɛ, na wɔsiee yɛn ne Kristo. Sɛdeɛ Agya Onyankopɔn nam nʼanimuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu baa nkwa mu no, saa ara nso na seesei yɛte ase wɔ nkwa foforɔ mu.
Ɛsɛ sɛ obiara wu prɛko pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn. Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔdeɛ baako pɛ de gyee dodoɔ no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔmmɛgye nnebɔneyɛfoɔ na mmom, ɔbɛba abɛgye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.
"Israelfoɔ, montie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a ɔbɛdiiɛ no daa adi wɔ tumi ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn nam ne so yɛeɛ a mo ankasa di ho adanseɛ no mu. Onyankopɔn ankasa firi ne pɛ ne ne nhunumu mu sii no gyinaeɛ sɛ wɔbɛyi Yesu ama mo, na mode no maa nnebɔneyɛfoɔ ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kumm no. Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu maa ɔyii no firii owuyea mu, ɛfiri sɛ, owuo antumi anni ne so."
"Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa no ne obi a ɔtumi de ne nkwa to hɔ ma ne nnwan.
Ɛberɛ biara a mobɛdi burodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wuo no ho asɛm kɔsi sɛ ɔbɛba.