Morte
A morte é a realidade que todos enfrentam, mas para o cristão ela não é o fim. A Bíblia ensina que Cristo venceu a morte e nos dá a esperança da ressurreição e da vida eterna.
Cristo venceu a morte
Onde está, ó morte, o teu aguilhão? Cristo destruiu o poder da morte e nos deu a vitória pela ressurreição.
"Owu, wo nkonim wɔ he?
Owu, wo nwowɔe wɔ he?"
Owu nya ne tumi fi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi fi mmara no mu. Nanso yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!
Ɔtamfo a obedi ne so atwa to ne owu.
Na sɛnea owu nam onipa so bae no, saa ara nso na owusɔre nam onipa so ba.
Owu nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa.
Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so ni:
"Sɛ yɛne no wui a,
yɛne no bɛtena ase.
Nhyira bebree nka wɔn a wodii kan nyan wɔn fii awufo mu no. Owu a ɛto so abien no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo. Na wɔne no bedi ahene mfe apem.
A esperança da vida eterna
Jesus disse: 'Eu sou a ressurreição e a vida.' Quem crê nele não está morto, mas apenas adormecido — e um dia despertará para a glória.
Yesu ka kyerɛɛ no se, "Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no sɛ wawu mpo a ɔbɛsan anya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di ana?"
Yesu ka kyerɛɛ no se, "Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no sɛ wawu mpo a ɔbɛsan anya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di ana?"
Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi mʼakyi. Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nhuam wɔn mfi me nsam.
"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.
Awurade Ba No
Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokware a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a morenni ho awerɛhow te sɛ wɔn a wonni anidaso no. Yegye di sɛ Yesu wui, na ɔsɔree bio. Enti sɛ Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wonyaa ne mu gyidi ansa na wɔrewu no bɛka ne ho aba.
Awurade no ankasa de ɔhyɛ a ano yɛ den, ɔbɔfo panyin nteɛmu ne Onyankopɔn torobɛnto nnyigye fi ɔsoro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bɛsɔre kan, na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase bere no ne wɔn a wɔasɔre no ano wɔ omununkum mu ahyia Awurade wɔ wim. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.
Não temas a morte
Não temas os que matam o corpo. Para o cristão, viver é Cristo e morrer é lucro. O vale da sombra da morte não assusta quem caminha com o Pastor.
Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no.
Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti, ne kra befi ne nsa no, ne nsa bɛsan aka.
Me de, Kristo nti na mete ase; na mpo, owu yɛ me mfaso.
Eyi ayɛ me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ mitu fi wiase ne Kristo kɔtena, efisɛ ɛno mmom na eye; nanso mo nti, sɛ mete ase nso a anka eye.
Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛw twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ofi ɔsoro bɛba no. Ɔnam tumi a etumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw na ewu no, na wayɛ no sɛ ne de a ɛwɔ anuonyam no.
Sɛ menam
owu sum kabii mu mpo a,
minsuro bɔne bi,
efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ;
wʼabaa ne wo pema
na ɛkyekye me werɛ.
Sɛ menam
owu sum kabii mu mpo a,
minsuro bɔne bi,
efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ;
wʼabaa ne wo pema
na ɛkyekye me werɛ.
sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; na sɛ yewu a, yewu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yewu o, yɛyɛ Awurade de.
A eternidade nos aguarda
Deus enxugará toda lágrima. A morte será o último inimigo destruído. Para os salvos, a morte é a porta de entrada na presença eterna de Deus.
Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, "Afei, Onyankopɔn atenae wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn. Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nni hɔ bio. Na kan nneɛma no atwa mu."
Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nni hɔ bio. Na kan nneɛma no atwa mu."
Ɛsɛ sɛ obiara wu prɛko pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn.
Migye di ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa ɔsoro anaa fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛn ne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.
Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee mpo, na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia obi besi ne bo awu ama no. Nanso Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ eyi mu sɛ, bere a yɛyɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.
Sɛ ɛnam onipa baako bɔne so na owu dii hene a, ɛno de wɔn a wonya adom mmoroso ne trenee akyɛde no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bedi hene wɔ nkwa mu.
Na bɔne so akatua yɛ owu, nanso Onyankopɔn akyɛde yɛ nkwa a enni awiei, wɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu.
A morte na perspectiva bíblica
Há tempo de nascer e tempo de morrer. A morte é realidade humana, mas Deus é Senhor tanto dos vivos quanto dos mortos.
Nimdeɛ
Din pa yɛ sen aduhuam papa,
na owuda yɛ sen awoda.
Wɔn a wɔnantew tee no
wɔhyɛn asomdwoe mu;
wonya ahomegye bere a wɔadeda sɛ awufo.
Nnipa a wɔnam sum mu
ahu Hann kɛse;
wɔn a wɔte asase a so sum kabii no,
hann bi apue wɔn so.
nanso wunni ho kwan sɛ wudi papa ne bɔnehu dua no so aba. Da a wubedi no, nea ɛbɛyɛ biara no, wubewu."
Hena na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?
Anaasɛ hena na obetumi agye ne ho afi owu tumi nsam?
Ɛhe na metumi afi wo honhom anim akɔ?
Ɛhe na metumi aguan afi wʼanim akɔ?
Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ.
Na mekɔsɛw me kɛtɛ wɔ asaman a, wo ni.
Fa me to wo koma so sɛ nsɔwanode,
sɛ nsɔwanode wɔ wʼabasa so,
efisɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owu,
ne ninkutwe tim hɔ sɛ ɔda.
Ɛhyehye sɛ ogyatannaa,
sɛ ogyatannaa a ano yɛ den pa ara.
"Ɛrenkyɛ biara mewu, sɛnea obiara kɔ no. Mo koma mu no munim sɛ ɛbɔ biara a Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu!
Mʼani nnye obiara wu ho, Otumfo Awurade na ose. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’
Yesu teɛɛ mu dennen se, "Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ!" Ɔkaa eyi no, ogyaa mu.
Ɔdefo no wɔ asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa nʼani so huu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. Ɔdefo no teɛɛ mu se, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo hu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsu mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so na me ho yeraw me.’
Na sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyin a ɛwo owu.