Publicidade

A nova jerusalém

Por Bíblia Online

A Nova Jerusalém é a cidade de Deus que desce do céu, morada eterna dos redimidos. Nela não haverá mar, morte, choro nem dor — Deus habitará com seu povo para sempre.

A cidade celestial

João viu a santa cidade, a Nova Jerusalém, descendo do céu como noiva adornada para o esposo. Ali Deus morará com seu povo.

Na mehunuu Kuro Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforɔ ɛfiri Onyankopɔn ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te ayeforɔ a ɔrekɔhyia ne kunu. Metee nne denden bi firi ahennwa no so , "Afei, Onyankopɔn atenaeɛ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Onyankopɔn. Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa. Na owuo nni bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea nni bio. Na kane nneɛma no atwam."

Honhom no faa me, na ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ bepɔ tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ɛfiri ɔsoro, Onyankopɔn , resiane aba fam. Ɛhyerɛn Onyankopɔn animuonyam mu, na ne hyerɛn no te aboɔdenboɔ a ɛsɛ ahwehwɛboɔ a ani te ahwehwɛ. Na ne ɔfasuo no ahoɔden na ɛware yie nso. Apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ so. Na ɛpono biara so no wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu baako din. Apono mmiɛnsa apueeɛ; mmiɛnsa anafoɔ; mmiɛnsa atifi ɛnna mmiɛnsa atɔeɛ. Wɔsii kuro no afasuo sii aboɔ dumienu a wɔatwerɛ Odwammaa no asomafoɔ dumienu no din so no so.

Na manhunu asɔredan kuro no mu baabiara ɛfiri , Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ ne Odwammaa no ne asɔredan. Na owia anaa ɔsrane hann nhia kuro no ɛfiri , na Onyankopɔn ne Odwammaa no animuonyam hyerɛn .

Nkwa Asubɔnten

Ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani te korɔgyenn ahwehwɛ a ɛfiri Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa so, a ɛtene fa kuro no abɔntene mfimfini. Asuo no fa biara, nkwa dua si a ɛso aba ahodoɔ dumienu ɔbosome biara. Wɔde ɛso ahahan no sa aman ahodoɔ no yadeɛ. Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kuro no mu. Wɔbɛhunu Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa kuro no mu na nʼasomfoɔ bɛsom no. Wɔbɛhunu nʼanim na wɔbɛtwerɛ ne din agu wɔn moma so. Adeɛ rensa bio, na nkanea anaa hann ho nhia ɛfiri , Awurade Onyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wɔbɛdi adeɛ ahene daa daa.

A pátria celestial

Os patriarcas aguardavam uma cidade que tem fundamentos, cujo arquiteto e construtor é Deus. Nosso lar eterno está além desta vida.

Na mmom, ɔman pa a ɛyɛ ɔsoro ɔman no na na wɔpere mu. Enti, ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu ɔma wɔfrɛ no wɔn Onyankopɔn, ɛfiri , wasiesie ɔman bi ama wɔn.

Na mo deɛ moaba Sion Bepɔ so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kuro, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfoɔ mpempem mu no mu. Moaba Onyankopɔn asafo mma dada a wɔn ani gye wɔn ho a wɔatwerɛ wɔn din ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa ɔtemmufoɔ ne ateneneefoɔ a wɔayɛ wɔn no mu. Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforɔ ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sene Habel mogya no ho.

Nanso, Yerusalem a ɛwɔ ɔsoro no deɛ, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn maame.

Yesu Ne Ɛkwan No

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Mommma mo akoma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni. Tenaberɛ bebree mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo. Na mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena.

A glória da Nova Jerusalém

Deus habitará no meio do seu povo. Sua presença será a luz da cidade, e o rio da vida fluirá do trono de Deus e do Cordeiro.

Asutene bi a

ne nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu,

beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ.

"Ɛkwan a ɛtwa kuropɔn no nyinaa ho hyia no tentene anammɔn mpem aduonu nson (27,000).

"Na ɛfiri saa ɛda no, wɔbɛfrɛ kuropɔn no , Awurade .’ "

"Team na ma wʼani nnye, Ao, Ɔbabaa Sion. Ɛfiri , mereba, na mene mo bɛtena," sɛdeɛ Awurade seɛ nie. "Aman bebree bɛka Awurade ho saa ɛda no na wɔabɛyɛ me nkurɔfoɔ. Me ne mo bɛtena, na mobɛhunu , Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. Awurade bɛfa Yuda nʼagyapadeɛ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio.

Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapadeɛ, na obi anwia wo nkonim abotire no. Deɛ ɔbɛdi nkonim no, mɛyɛ no odum me Onyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Onyankopɔn din ne me Onyankopɔn kuro din a ɛyɛ Yerusalem foforɔ a ɛbɛfiri ɔsoro me Onyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me din foforɔ agu ne ho.

Na obi nso yi bi firi adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa a ɔbɛnya nkwa dua no ne kuro Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu nwoma yi mu no.

Seja o primeiro
Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-